Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   ’    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

57  GEN 3:1  Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?
59  GEN 3:3  nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.
73  GEN 3:17  Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no nti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so wo nkwanna nyinaa.
311  GEN 12:12  Sɛ Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, ‘Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
360  GEN 14:23  Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa hama baako anaa mpaboa so hama mpo, mfi wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.
438  GEN 18:13  Enti Awurade bisaa Abraham se, “Adɛn nti na Sara serew bisae se, ‘Ampa ara sɛ manyin adu sɛɛ yi, metumi awo ba ana?
501  GEN 20:5  Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea. Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima. Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”
509  GEN 20:13  Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.
599  GEN 24:7  Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no, ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no.
606  GEN 24:14  Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no, sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”
630  GEN 24:38  Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.
631  GEN 24:39  “Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?
633  GEN 24:41  Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.
636  GEN 24:44  na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.
637  GEN 24:45  “Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.
638  GEN 24:46  “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom. Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.
639  GEN 24:47  “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo? “Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor. “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa.
702  GEN 26:9  Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.”
735  GEN 27:7  ‘Kɔhwehwɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.
882  GEN 31:8  Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua, na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee.
885  GEN 31:11  Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob! Na migyee so se, ‘Me ni!
887  GEN 31:13  Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.
903  GEN 31:29  Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso nnɛra anadwo, Onyankopɔn a wo agya som no no ka kyerɛɛ me wɔ dae mu se, ‘Hwɛ yiye na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.
934  GEN 32:6  Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.
938  GEN 32:10  Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.
941  GEN 32:13  Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.
946  GEN 32:18  Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?
947  GEN 32:19  Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.
949  GEN 32:21  ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”
1101  GEN 37:17  Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.” Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.
1142  GEN 38:22  Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo biara nni ha.
1285  GEN 42:32  Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.
1287  GEN 42:34  Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.
1294  GEN 43:3  Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.
1296  GEN 43:5  Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.
1298  GEN 43:7  Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho? Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.
1330  GEN 44:5  Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.
1344  GEN 44:19  Me wura bisaa nʼasomfo no se, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?
1345  GEN 44:20  Na yebuae se, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yiye.
1346  GEN 44:21  “Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.
1347  GEN 44:22  Yɛka kyerɛɛ me wura se, ‘Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.
1348  GEN 44:23  Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.
1350  GEN 44:25  “Na yɛn agya kae se, ‘Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.
1351  GEN 44:26  Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.
1354  GEN 44:29  Sɛ mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no wɔ kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.
1357  GEN 44:32  Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu sɛ ɔde no bɛba no kae se, ‘Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.
1370  GEN 45:11  Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.
1377  GEN 45:18  na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!
1379  GEN 45:20  Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.
1419  GEN 46:32  Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.
1420  GEN 46:33  Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,
1421  GEN 46:34  momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ. Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”
1456  GEN 48:4  ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.
1472  GEN 48:20  Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se, “Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.” Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.
1512  GEN 50:5  ‘Mʼagya ma mekaa ntam, na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.
1524  GEN 50:17  ‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahorow a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn. Enti afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya som no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Bere a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kae no, osui.
1593  EXO 3:13  Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”
1594  EXO 3:14  Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Mene Nea Mene na wasoma me mo nkyɛn.
1595  EXO 3:15  Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.
1597  EXO 3:17  Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.
1598  EXO 3:18  “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.
1603  EXO 4:1  Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?
1625  EXO 4:23  na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.
1634  EXO 5:1  Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.
1649  EXO 5:16  Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa! Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”
1650  EXO 5:17  Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.
1664  EXO 6:8  Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.
1704  EXO 7:18  Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.
1715  EXO 7:29  Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.
1727  EXO 8:12  Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.
1734  EXO 8:19  Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.
1744  EXO 9:1  Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni, Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.”
1784  EXO 10:6  Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.” Na Mose fii Farao anim kɔe.
1814  EXO 11:7  Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw. Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!
1815  EXO 11:8  Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ. Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.
1844  EXO 12:27  mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.
1883  EXO 13:15  Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, Awurade kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.
1893  EXO 14:3  Sɛ wɔyɛ saa a, Farao besusuw sɛ, ‘Saa Israelfo no aka sare no ne po no ntam.
1930  EXO 15:9  Ɔtamfo kae se, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasin.
1960  EXO 16:12  “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.
1964  EXO 16:16  Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.
1971  EXO 16:23  Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.
2033  EXO 19:6  Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn. Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.”
2040  EXO 19:13  Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu. Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.”
2050  EXO 19:23  Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.
2078  EXO 20:26  Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.
2083  EXO 21:5  “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ a,
2416  EXO 30:33  Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.
2434  EXO 31:13  “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
2438  EXO 31:17  Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.
2447  EXO 32:8  na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.
2451  EXO 32:12  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so? Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no.
2452  EXO 32:13  Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.
2462  EXO 32:23  Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.
2463  EXO 32:24  Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me. Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!”
2466  EXO 32:27  Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.
2475  EXO 33:1  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.
2486  EXO 33:12  Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.
2796  LEV 3:17  “ ‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.