5 | GEN 1:5 | Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
12 | GEN 1:12 | Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. |
20 | GEN 1:20 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” |
24 | GEN 1:24 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
29 | GEN 1:29 | Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. |
35 | GEN 2:4 | Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. |
36 | GEN 2:5 | Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. |
38 | GEN 2:7 | Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo. |
39 | GEN 2:8 | Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae. |
40 | GEN 2:9 | Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini. |
44 | GEN 2:13 | Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa. |
45 | GEN 2:14 | Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate. |
46 | GEN 2:15 | Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. |
47 | GEN 2:16 | Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se, “Wowɔ ho kwan sɛ wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; |
49 | GEN 2:18 | Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.” |
50 | GEN 2:19 | Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. |
52 | GEN 2:21 | Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no. |
53 | GEN 2:22 | Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no. |
54 | GEN 2:23 | Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” |
57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
64 | GEN 3:8 | Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. |
65 | GEN 3:9 | Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?” |
66 | GEN 3:10 | Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.” |
68 | GEN 3:12 | Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.” |
69 | GEN 3:13 | Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.” |
70 | GEN 3:14 | Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma. |
72 | GEN 3:16 | Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.” |
73 | GEN 3:17 | Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so wo nkwanna nyinaa. |
76 | GEN 3:20 | Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na. |
77 | GEN 3:21 | Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. |
78 | GEN 3:22 | Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” |
79 | GEN 3:23 | Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so. |
81 | GEN 4:1 | Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. |
82 | GEN 4:2 | Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. |
83 | GEN 4:3 | Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre. |
84 | GEN 4:4 | Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. |
85 | GEN 4:5 | Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii. |
86 | GEN 4:6 | Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa? |
89 | GEN 4:9 | Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?” |
90 | GEN 4:10 | Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me. |
93 | GEN 4:13 | Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so. |
95 | GEN 4:15 | Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. |
96 | GEN 4:16 | Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam. |
99 | GEN 4:19 | Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila. |
100 | GEN 4:20 | Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa. |
103 | GEN 4:23 | Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me. |
105 | GEN 4:25 | Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” |
106 | GEN 4:26 | Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos. Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din. |
107 | GEN 5:1 | Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso. |
109 | GEN 5:3 | Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. |
110 | GEN 5:4 | Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
111 | GEN 5:5 | Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu. |
128 | GEN 5:22 | Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
135 | GEN 5:29 | Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” |
141 | GEN 6:3 | Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.” |
143 | GEN 6:5 | Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara. |
144 | GEN 6:6 | Awurade Nyankopɔn nuu ne ho sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Nyankopɔn awerɛhow. |
145 | GEN 6:7 | Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.” |
146 | GEN 6:8 | Nanso Noa de, onyaa adom Awurade anim. |
152 | GEN 6:14 | Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa. |
156 | GEN 6:18 | Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. |
159 | GEN 6:21 | Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.” |
161 | GEN 7:1 | Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni. |
165 | GEN 7:5 | Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so. |
174 | GEN 7:14 | Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. |
175 | GEN 7:15 | Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu. |
176 | GEN 7:16 | Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu. |
177 | GEN 7:17 | Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. |
178 | GEN 7:18 | Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani. |
181 | GEN 7:21 | Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee. |
185 | GEN 8:1 | Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee. |
186 | GEN 8:2 | Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ. |
188 | GEN 8:4 | Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. |
190 | GEN 8:6 | Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no, |
192 | GEN 8:8 | Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana. |
193 | GEN 8:9 | Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu. |
197 | GEN 8:13 | Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo. |
200 | GEN 8:16 | “Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue. |
201 | GEN 8:17 | Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.” |