Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   F    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

152  GEN 6:14  Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa.
154  GEN 6:16  Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro.
162  GEN 7:2  Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere.
249  GEN 10:14  Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
300  GEN 12:1  Awurade ka kyerɛɛ Abram se,Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
314  GEN 12:15  Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ.
315  GEN 12:16  Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.
316  GEN 12:17  Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi hɔ no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so.
317  GEN 12:18  Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere?
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
319  GEN 12:20  Na Farao hyɛɛ asraafo sɛ wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.
358  GEN 14:21  Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se,Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”
370  GEN 15:9  Awurade ka kyerɛɛ Abram se,Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
463  GEN 19:5  Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
546  GEN 21:32  Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so.
548  GEN 21:34  Abraham tenaa Filistifo asase no so sɛ ɔnanani nna bebree.
550  GEN 22:2  Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
594  GEN 24:2  Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se,Fa wo nsa ka me srɛ ase.
694  GEN 26:1  Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu.
701  GEN 26:8  Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho.
707  GEN 26:14  Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw
711  GEN 26:18  Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
731  GEN 27:3  Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wuram kɔhwehwɛ hanam bi brɛ me.
732  GEN 27:4  Fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo ansa na mawu.”
857  GEN 30:26  Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”
1120  GEN 37:36  Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.
1151  GEN 39:1  Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.
1174  GEN 40:1  Mmere bi akyi no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsahyɛfo panyin ne ne brodotofo panyin fom no.
1175  GEN 40:2  Farao bo fuw ne nsahyɛfo panyin no ne ne brodotofo panyin no yiye.
1178  GEN 40:5  nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao brodotofo panyin ne nsahyɛfo panyin a na wogu afiase hɔ no sosoo adae anadwo koro no ara. Na saa adae abien no mu biara wɔ ne nkyerɛase.
1180  GEN 40:7  Obisaa Farao fi mpanyimfo nneduafo a na wɔne no gu afiase hɔ no se, “Adɛn nti na nnɛ de, mo werɛ ahow mo ho sɛɛ?”
1182  GEN 40:9  Enti Farao nsahyɛfo panyin no dii kan kaa ne dae a ɔsoo no kyerɛɛ Yosef se, “Me dae mu no, mihuu bobe dua.
1184  GEN 40:11  Na mikura ɔhene Farao nsa kuruwa. Metetew bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsa kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”
1186  GEN 40:13  Nnansa ntam no, Farao beyi wo, ama woakodi wo dibea sɛ ɔhene nsahyɛfo panyin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛnea na woyɛ no kan no.
1187  GEN 40:14  Na sɛ esi wo yiye a, kae me na yɛ me adɔe; ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wommeyi me mfi afiase ha.
1190  GEN 40:17  Kɛntɛn a esi soro pɛɛ no, na nnuan ahorow a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduan no so wɔ mʼatifi redi.”
1192  GEN 40:19  Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabeyi wo afi afiase ha, atwa wo ti, de wo sin no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔw wo nam.”
1193  GEN 40:20  Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti ɔtoo pon kɛse bi maa ne mpanyimfo ne ne fifo nyinaa. Ɔsoma ma wokoyii ne brodotofo panyin ne ne nsahyɛfo panyin nneduafo no fii afiase hɔ baa nʼanim.
1194  GEN 40:21  Ɔhene Farao san de ne nsahyɛfo panyin no sii ne sibea ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsa.
1195  GEN 40:22  Nanso ne brodotofo panyin no de, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛnea Yosef kyerɛɛ ne dae no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
1197  GEN 41:1  Mfe abien akyi no, Farao soo dae bi. Na ogyina Asubɔnten Nil ho.
1200  GEN 41:4  Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
1201  GEN 41:5  Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.
1203  GEN 41:7  Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao nyanee, na ohuu sɛ sɛɛ na nea ohuu no nyinaa yɛ ɔdae.
1204  GEN 41:8  Ade kyee no, nʼadwene mu yɛɛ no basaa. Enti Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifo ne anyansafo a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fi. Farao kaa dae a ɔsoo no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase.
1205  GEN 41:9  Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ.
1206  GEN 41:10  Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase awɛmfo panyin fi.
1210  GEN 41:14  Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.
1211  GEN 41:15  Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfwo yi.”
1212  GEN 41:16  Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”
1213  GEN 41:17  Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mʼadaeso no mu no, na migyina Asubɔnten Nil konkɔn so.
1221  GEN 41:25  Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo.
1230  GEN 41:34  Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie.
1231  GEN 41:35  Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu.
1233  GEN 41:37  Farao ne ne mpanyimfo no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu.
1234  GEN 41:38  Enti Farao bisaa wɔn se, “So yebenya obi a ɔte sɛ ɔbarima yi, nea Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma?”
1235  GEN 41:39  Na Farao dan nʼani ka kyerɛɛ Yosef se, “Onyankopɔn ayi saa dae yi ne ne nkyerɛase akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu wɔ Misraimman yi mu sɛ wo.
1236  GEN 41:40  Mede saa adwuma kɛse yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahengua a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ ɔkɛse sen wo.”
1237  GEN 41:41  Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.”
1238  GEN 41:42  Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.
1239  GEN 41:43  Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
1240  GEN 41:44  Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”
1241  GEN 41:45  Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.
1242  GEN 41:46  Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa.
1251  GEN 41:55  Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
1268  GEN 42:15  Ɔkwan afa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba.
1269  GEN 42:16  Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!”
1290  GEN 42:37  Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”
1299  GEN 43:8  Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se,Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
1307  GEN 43:16  Bere a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fi somfo panyin no se,Fa nkurɔfo no kɔ me fi, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduan, na awia me ne wɔn bedidi.”
1326  GEN 44:1  Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se,Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no.
1343  GEN 44:18  Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, “Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu sɛ wo ne Farao yɛ pɛ de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa.
1361  GEN 45:2  Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.
1367  GEN 45:8  “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
1369  GEN 45:10  Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra.
1375  GEN 45:16  Bere a wɔtee wɔ Farao fi Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei.
1376  GEN 45:17  Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,
1377  GEN 45:18  na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se,Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’
1380  GEN 45:21  Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi wɔ ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no.
1392  GEN 46:5  Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔdefaa wɔn no mu.
1418  GEN 46:31  Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
1420  GEN 46:33  Farao fmo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
1422  GEN 47:1  Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.”
1423  GEN 47:2  Yosef yii ne nuabarimanom no mu baanum de wɔn kokyia Farao.
1424  GEN 47:3  Farao bisaa anuanom no se, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wobuaa no se, “Wo nkoa yɛ nguanhwɛfo, sɛnea na yɛn agyanom nso yɛ nguanhwɛfo no.”
1426  GEN 47:5  Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
1428  GEN 47:7  Afei, Yosef faa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no.
1429  GEN 47:8  Farao bisaa Yakob se, “Woadi mfe ahe?”
1430  GEN 47:9  Yakob buaa Farao se, “Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.”
1431  GEN 47:10  Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.
1432  GEN 47:11  Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no.
1435  GEN 47:14  Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi.
1441  GEN 47:20  Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam.
1443  GEN 47:22  Asɔfo nko ara nsase na wantɔ, efisɛ asɔfo no de, na Farao atwa anoduan bi de ama wɔn. Ne saa nti na wɔn de, wɔantɔn wɔn nsase no.
1444  GEN 47:23  Yosef ka kyerɛɛ nnipa no se, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, munnye aburow nkodua.
1445  GEN 47:24  Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”
1446  GEN 47:25  Wɔkae se, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao se, onnye yɛn nto mu, na yɛnyɛ nkoa.”
1447  GEN 47:26  Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛe sɛ wɔmfa asase no so nnɔbae nyinaa mu nkyɛmu anum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nsase nko ara na ankodi Farao nsam.
1461  GEN 48:9  Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kae se,Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”
1511  GEN 50:4  Wosuu no wiee no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fifo se, “Sɛ manya mo anim anuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me se,