Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   W    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

42  GEN 2:11  Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa.
47  GEN 2:16  Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se,Wowɔ ho kwan wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha;
54  GEN 2:23  Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”
63  GEN 3:7  Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.
67  GEN 3:11  Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”
70  GEN 3:14  Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti,Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma.
72  GEN 3:16  Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se,Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”
75  GEN 3:19  Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”
89  GEN 4:9  Awurade bisaa Kain se,Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”
90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
92  GEN 4:12  woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”
161  GEN 7:1  Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se,Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni.
183  GEN 7:23  Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.
200  GEN 8:16  Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue.
208  GEN 9:2  Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.
225  GEN 9:19  Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.
231  GEN 9:25  ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”
236  GEN 10:1  Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.
260  GEN 10:25  Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
270  GEN 11:3  Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan.
305  GEN 12:6  Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
341  GEN 14:4  Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua.
346  GEN 14:9  saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu.
359  GEN 14:22  Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se,
364  GEN 15:3  Na Abram toaa so se,Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”
374  GEN 15:13  Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.
376  GEN 15:15  Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu.
384  GEN 16:2  enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se,Wo ara wunim Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
393  GEN 16:11  Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se,Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu.
403  GEN 17:5  Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya.
404  GEN 17:6  Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu.
407  GEN 17:9  Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se,Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so.
412  GEN 17:14  Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”
413  GEN 17:15  Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara.
422  GEN 17:24  Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron.
434  GEN 18:9  Nnipa no bisaa Abraham se,Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.”
448  GEN 18:23  Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se,Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana?
463  GEN 19:5  Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
470  GEN 19:12  Mmarima baanu no bisaa Lot se,Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
499  GEN 20:3  Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se,Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”
519  GEN 21:5  Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha.
540  GEN 21:26  Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”
546  GEN 21:32  Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so.
557  GEN 22:9  Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so.
562  GEN 22:14  Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se,Wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔw no so.”
566  GEN 22:18  Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”
570  GEN 22:22  Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
578  GEN 23:6  “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
624  GEN 24:32  Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho.
627  GEN 24:35  Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum.
629  GEN 24:37  Me wura ma mekaa ntam se,Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
650  GEN 24:58  Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se,Wopɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”
652  GEN 24:60  Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
672  GEN 25:13  Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
682  GEN 25:23  Awurade buaa no se, “Aman abien na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtetew nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmofra baanu no, ɔbaako asefo bɛyɛ ahoɔdenfo asen ne nua a ɔka ne ho no asefo. Na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”
721  GEN 26:28  Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no
739  GEN 27:11  Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se,Wunim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ trontrom.
741  GEN 27:13  Yakob ne na ka kyerɛɛ no se, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nguan no brɛ me.”
757  GEN 27:29  Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wubedi wo nuanom so, na wo na mma nso akotow wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wohyira wo nyinaa nso, wobehyira wɔn.”
768  GEN 27:40  Wode wo afoa na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso daakye bi, sɛ wokanyan wo ho a, wubefi wo nua no som ase.”
770  GEN 27:42  Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se,Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
788  GEN 28:14  Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa.
800  GEN 29:4  Yakob bisaa wɔn se, “Anuanom, mufi he na mobaa ha?” Wobuaa Yakob se, “Yefi Haran.”
802  GEN 29:6  Na Yakob bisaa wɔn se, “Na ne ho te dɛn?” Wobuaa no se, “Ne ho ye. Na ne babea Rahel koraa na ɔne ne nguan reba yi.”
810  GEN 29:14  Laban ka kyerɛɛ no se,Woyɛ me dehye.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn ɔsram.
837  GEN 30:6  Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”
846  GEN 30:15  Nanso Lea de abufuw buae se,Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
857  GEN 30:26  Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”
860  GEN 30:29  Yakob buaa Laban se,Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa.
861  GEN 30:30  Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?”
879  GEN 31:5  Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mahu sɛ afei de, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kan no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak som no no ka me ho.
889  GEN 31:15  Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi.
900  GEN 31:26  Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo.
902  GEN 31:28  Woamma mankyiakyia me nenanom ne me mmabea yi nsam annya wɔn kwan mpo. Woadi nkwaseasɛm.
906  GEN 31:32  Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
911  GEN 31:37  Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.
933  GEN 32:5  Nkra a ɔde maa wɔn ni: “Monka nkyerɛ me wura Esau se,Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔho ara de besi nnɛ yi.
939  GEN 32:11  Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi.
949  GEN 32:21  Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’ ” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”
956  GEN 32:28  Ɔbarima no bisaa Yakob se,Wo din de dɛn?” Obuae se, “Me din de Yakob.”
966  GEN 33:5  Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se,Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”
981  GEN 33:20  Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka.
988  GEN 34:7  Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade.
1006  GEN 34:25  Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.
1007  GEN 34:26  Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn.
1008  GEN 34:27  Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi.
1009  GEN 34:28  Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa.
1010  GEN 34:29  Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa.
1017  GEN 35:5  Na wosii mu. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkurow a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a ɛno nti obiara antumi antaa wɔn.
1023  GEN 35:11  Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Mene Onyankopɔn tumfo no. Wʼase nnɔ, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo befi wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso befi wo mu aba.