2 | GEN 1:2 | Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani. |
5 | GEN 1:5 | Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no. |
7 | GEN 1:7 | Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. |
8 | GEN 1:8 | Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien. |
9 | GEN 1:9 | Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. |
10 | GEN 1:10 | Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
12 | GEN 1:12 | Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. |
13 | GEN 1:13 | Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa. |
14 | GEN 1:14 | Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, |
16 | GEN 1:16 | Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. |
17 | GEN 1:17 | Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, |
18 | GEN 1:18 | na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
19 | GEN 1:19 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no. |
20 | GEN 1:20 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” |
22 | GEN 1:22 | Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.” |
23 | GEN 1:23 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no. |
24 | GEN 1:24 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
28 | GEN 1:28 | Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.” |
29 | GEN 1:29 | Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. |
30 | GEN 1:30 | Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa. |
31 | GEN 1:31 | Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia. |
33 | GEN 2:2 | Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome. |
34 | GEN 2:3 | Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu. |
35 | GEN 2:4 | Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. |
36 | GEN 2:5 | Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. |
38 | GEN 2:7 | Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo. |
39 | GEN 2:8 | Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae. |
40 | GEN 2:9 | Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini. |
41 | GEN 2:10 | Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan. |
42 | GEN 2:11 | Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. |
44 | GEN 2:13 | Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa. |
46 | GEN 2:15 | Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. |
47 | GEN 2:16 | Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se, “Wowɔ ho kwan sɛ wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; |
48 | GEN 2:17 | nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.” |
49 | GEN 2:18 | Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.” |
50 | GEN 2:19 | Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. |
51 | GEN 2:20 | Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din. Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata. |
52 | GEN 2:21 | Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no. |
53 | GEN 2:22 | Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no. |
54 | GEN 2:23 | Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” |
55 | GEN 2:24 | Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro. |
56 | GEN 2:25 | Saa bere no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre. |
57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
58 | GEN 3:2 | Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, |
59 | GEN 3:3 | nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ” |