1 | GEN 1:1 | Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. |
2 | GEN 1:2 | Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani. |
3 | GEN 1:3 | Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. |
4 | GEN 1:4 | Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho. |
5 | GEN 1:5 | Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no. |
6 | GEN 1:6 | Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.” |
7 | GEN 1:7 | Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. |
8 | GEN 1:8 | Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien. |
9 | GEN 1:9 | Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. |
10 | GEN 1:10 | Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
12 | GEN 1:12 | Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. |
13 | GEN 1:13 | Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa. |
14 | GEN 1:14 | Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, |
15 | GEN 1:15 | na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
16 | GEN 1:16 | Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. |
17 | GEN 1:17 | Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, |
18 | GEN 1:18 | na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
19 | GEN 1:19 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no. |
20 | GEN 1:20 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” |
21 | GEN 1:21 | Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
22 | GEN 1:22 | Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.” |
23 | GEN 1:23 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no. |
24 | GEN 1:24 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
25 | GEN 1:25 | Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |