Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   w    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

2  GEN 1:2  Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.
4  GEN 1:4  Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho.
7  GEN 1:7  Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.
8  GEN 1:8  Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien.
9  GEN 1:9  Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.
11  GEN 1:11  Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
12  GEN 1:12  Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye.
14  GEN 1:14  Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe,
15  GEN 1:15  na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
16  GEN 1:16  Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso.
17  GEN 1:17  Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so,
18  GEN 1:18  na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
20  GEN 1:20  Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.”
21  GEN 1:21  Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
22  GEN 1:22  Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.”
24  GEN 1:24  Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
25  GEN 1:25  Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
26  GEN 1:26  Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”
27  GEN 1:27  Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.
28  GEN 1:28  Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.”
29  GEN 1:29  Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan.
30  GEN 1:30  Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa.
31  GEN 1:31  Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia.
32  GEN 2:1  Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
33  GEN 2:2  Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome.
34  GEN 2:3  Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu.
35  GEN 2:4  Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.
36  GEN 2:5  Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma.
37  GEN 2:6  Nanso nsuti puepue fifii asase mu bɛfɔw asase ani nyinaa.
38  GEN 2:7  Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.
39  GEN 2:8  Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae.
40  GEN 2:9  Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini.
41  GEN 2:10  Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan.
42  GEN 2:11  Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa.
43  GEN 2:12  Na saa asase no so sikakɔkɔɔ ye. Na ɛhyɛ a ɛyɛ huam ne apopobibiribo nso wɔ hɔ.
45  GEN 2:14  Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.
46  GEN 2:15  Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so.