16 | GEN 1:16 | Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. |
57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
58 | GEN 3:2 | Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, |
69 | GEN 3:13 | Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.” |
71 | GEN 3:15 | Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” |
80 | GEN 3:24 | Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no. |
108 | GEN 5:2 | Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa. |
109 | GEN 5:3 | Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. |
110 | GEN 5:4 | Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
135 | GEN 5:29 | Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” |
147 | GEN 6:9 | Noa awo ntoatoaso ni. Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde. |
188 | GEN 8:4 | Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. |
198 | GEN 8:14 | Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa. |
204 | GEN 8:20 | Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. |
226 | GEN 9:20 | Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo. |
310 | GEN 12:11 | Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ yiye. |
318 | GEN 12:19 | Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!” |
320 | GEN 13:1 | Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb. |
354 | GEN 14:17 | Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu. |
355 | GEN 14:18 | Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, |
356 | GEN 14:19 | behyiraa Abram se: “Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase, Nhyira nka wo, Abram. |
357 | GEN 14:20 | Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako. |
359 | GEN 14:22 | Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, |
369 | GEN 15:8 | Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?” |
388 | GEN 16:6 | Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn. |
390 | GEN 16:8 | Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.” |
392 | GEN 16:10 | Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.” |
394 | GEN 16:12 | Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.” |
410 | GEN 17:12 | Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara. |
415 | GEN 17:17 | Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?” |
418 | GEN 17:20 | Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. |
425 | GEN 17:27 | Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho. |
434 | GEN 18:9 | Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.” |
459 | GEN 19:1 | Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba. |
460 | GEN 19:2 | Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.” Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.” |
461 | GEN 19:3 | Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii. |
465 | GEN 19:7 | Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa. |
469 | GEN 19:11 | Ɔsoro abɔfo baanu no maa mpanyin ne mmofra a wogyinagyina ɔpon no akyi no ani furafurae, enti wɔanhu ɔpon no koraa. |
472 | GEN 19:14 | Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi. |
474 | GEN 19:16 | Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ. |
475 | GEN 19:17 | Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!” |
479 | GEN 19:21 | Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no. |
486 | GEN 19:28 | Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu. |
495 | GEN 19:37 | Ne babea panyin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfo agya de besi nnɛ. |
497 | GEN 20:1 | Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. |
501 | GEN 20:5 | Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.” |
528 | GEN 21:14 | Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ. |
533 | GEN 21:19 | Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee. |
534 | GEN 21:20 | Onyankopɔn adom nti, abarimaa no nyinii. Ɔtenaa sare no so huu agyantow yiye. |
549 | GEN 22:1 | Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!” Abraham buae se, “Me ni!” |
551 | GEN 22:3 | Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. |
557 | GEN 22:9 | Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so. |
588 | GEN 23:16 | Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka. |
597 | GEN 24:5 | Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?” |
602 | GEN 24:10 | Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu. |
609 | GEN 24:17 | Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.” |
613 | GEN 24:21 | Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana. |
617 | GEN 24:25 | Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.” |
645 | GEN 24:53 | Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ. |
657 | GEN 24:65 | bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?” Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim. |
689 | GEN 25:30 | Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ. |
691 | GEN 25:32 | Esau kae se, “Ɔkɔm rekum me, na mede panyin reyɛ dɛn?” |
693 | GEN 25:34 | Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no. |
700 | GEN 26:7 | Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no. |
702 | GEN 26:9 | Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.” |
711 | GEN 26:18 | Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio. |
744 | GEN 27:16 | Afei, ɔde nguan a wokum wɔn no nhoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. |
745 | GEN 27:17 | Ɔde brodo a wato no foforo kaa akɔnnɔduan a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob. |
759 | GEN 27:31 | Ɔno nso noaa akɔnnɔduan brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no se, “Agya, sɔre na di me hanam aduan no, na hyira me.” |
777 | GEN 28:3 | Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba. |
778 | GEN 28:4 | Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” |
785 | GEN 28:11 | Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii. |
786 | GEN 28:12 | Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian. |
791 | GEN 28:17 | Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.” |
793 | GEN 28:19 | Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus. |
828 | GEN 29:32 | Lea nyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Ruben a nkyerɛase ne “Awurade ahu mmɔbɔ a meyɛ.” Na Lea kae se, “Awurade ahu me mmɔbɔ. Nokware, afei na me kunu ani begye me ho.” |
833 | GEN 30:2 | Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.” |
845 | GEN 30:14 | Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.” |
851 | GEN 30:20 | Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.” |
871 | GEN 30:40 | Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho. |
883 | GEN 31:9 | Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no. |
892 | GEN 31:18 | Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. |
898 | GEN 31:24 | Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.” |
937 | GEN 32:9 | Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ ɛba sɛ Esau ne ne dɔm no ba bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a ɛto so abien no betumi aguan.” |
945 | GEN 32:17 | Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.” |
952 | GEN 32:24 | Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wiee no, ɔsan bɛfaa nʼagyapade a aka nyinaa de twaa asu no. |
956 | GEN 32:28 | Ɔbarima no bisaa Yakob se, “Wo din de dɛn?” Obuae se, “Me din de Yakob.” |
957 | GEN 32:29 | Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.” |
958 | GEN 32:30 | Yakob bisae se, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo dɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no se, “Adɛn nti na worebisa me din?” Na ohyiraa Yakob wɔ hɔ. |
963 | GEN 33:2 | Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi. |
964 | GEN 33:3 | Yakob de, odii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn ason. |
965 | GEN 33:4 | Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui. |