549 | GEN 22:1 | Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!” Abraham buae se, “Me ni!” |
555 | GEN 22:7 | Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!” Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?” |
746 | GEN 27:18 | Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!” Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?” |
5602 | DEU 27:15 | “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5603 | DEU 27:16 | “Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5604 | DEU 27:17 | “Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5605 | DEU 27:18 | “Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5606 | DEU 27:19 | “Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5607 | DEU 27:20 | “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5608 | DEU 27:21 | “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5609 | DEU 27:22 | “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5610 | DEU 27:23 | “Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5611 | DEU 27:24 | “Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5612 | DEU 27:25 | “Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
5613 | DEU 27:26 | “Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” |
7284 | 1SA 3:6 | Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!” Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?” Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” |
7294 | 1SA 3:16 | Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.” Samuel buae se, “Mini!” |
8504 | 2SA 18:23 | Ɔkae se, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no se, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tataw no so kɔ kotwaa Kusni no ho. |
9892 | 2KI 13:17 | Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee. Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek. |
10861 | 1CH 16:36 | Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade. |
15766 | PSA 106:48 | Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!” Monkamfo Awurade. |
20643 | EZK 6:11 | “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano. |
22802 | HAB 1:2 | Awurade, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa, nanso wuntie me? Meteɛ mu frɛ, “Akakabensɛm!” nanso womma mmegye me. |
23446 | MAT 8:32 | Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. |
23695 | MAT 14:29 | Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!” Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. |
23883 | MAT 20:22 | Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?” Wobuaa no se, “Yebetumi!” |
23922 | MAT 21:27 | Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.” |
24219 | MAT 27:21 | Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!” |
24566 | MRK 7:34 | Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne, “bue!” |
24696 | MRK 10:39 | Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo; |
24718 | MRK 11:9 | Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!” |
26662 | JHN 12:13 | wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!” |
26924 | JHN 19:30 | Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu. |
26952 | JHN 20:16 | Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”). |
27295 | ACT 9:10 | Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!” Ogyee so se, “Awurade!” |
27331 | ACT 10:3 | Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!” |
30861 | REV 5:14 | Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee. |
30862 | REV 6:1 | Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!” |
30864 | REV 6:3 | Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!” |
30866 | REV 6:5 | Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. |
30868 | REV 6:7 | Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” |