Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   Word,”    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

3  GEN 1:3  Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann.
1628  EXO 4:26  Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)
5272  DEU 12:30  na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu.
5280  DEU 13:7  Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babea, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase twetwe wo, ka kyerɛ wo se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo, anyame a wo anaa wʼagyanom nhuu bi da,”
5287  DEU 13:14  nnipa bɔnefo bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kurow no mu anim de wɔn akosi bɔne mu aka se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo,” anyame a munhuu bi da a,
5330  DEU 15:9  Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ.
5337  DEU 15:16  Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a,
5380  DEU 17:14  Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na mofa tena so na moka se. “Momma yensi yɛn so hene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”
5486  DEU 22:14  na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, “Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun,”
5557  DEU 25:8  Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, “Mempɛ sɛ meware no a,”
6688  JDG 6:32  Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui.
7320  1SA 4:21  Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu.
9695  2KI 6:17  Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, bue nʼani na ma onhu ade,” Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
9738  2KI 8:7  Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onyankopɔn nipa no aba hɔ,”
14083  PSA 12:6  “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”
14379  PSA 32:5  Afei, migyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumɔyɛ so. Mekae se, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
14795  PSA 55:24  Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nkwanna mu fa. Nanso me de, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.
15469  PSA 91:9  Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,” na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,
16318  PSA 139:11  Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”
16649  PRO 7:4  Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;
17121  PRO 23:7  efisɛ ɔyɛ obi a bere biara osusuw sika ho. Ɔka se, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne koma mu.
17161  PRO 24:12  Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,” nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana? Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana? Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?
17190  PRO 25:7  Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,” sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim. Nea wode wʼani ahu no
17290  PRO 28:24  Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.
17742  ISA 1:18  “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” sɛnea Awurade se ni. “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.
18020  ISA 14:22  “Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Metwa ne din ne ne nkae, ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
18021  ISA 14:23  “Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeprae bɛpra no,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
18056  ISA 17:3  Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso befi Damasko; Aram nkae bɛyɛ Israelfo anuonyam,” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
18059  ISA 17:6  Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no, ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so, ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,” sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
18078  ISA 19:4  Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfo tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
18136  ISA 22:14  Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
18147  ISA 22:25  “Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”
18246  ISA 28:12  Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome; ahodwobea nso ni,” nanso wɔantie no.
18288  ISA 30:1  “Munnue mmofra asoɔdenfo,” sɛɛ na Awurade se, “Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
18329  ISA 31:9  Wɔn abandennen bebubu, ehu nti; wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,” sɛɛ na Awurade se, nea ne gya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.
18359  ISA 33:10  “Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se. “Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ; afei na wɔbɛma me so.
18535  ISA 41:14  Nsuro, osunson Yakob, Israel a wusua, na me ankasa mɛboa wo,” Awurade na ose, wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.
18542  ISA 41:21  “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ose. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose.
18585  ISA 43:10  “Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,” sɛɛ na Awurade se, “Sɛnea mubehu na moagye me adi na moate ase sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
18587  ISA 43:12  Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.
18631  ISA 44:28  nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”
18771  ISA 52:5  “Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se. “Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, na wɔn sodifo di fɛw,” Awurade na ose. “Da mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
18794  ISA 54:1  “To nnwom, obonin, wo a wonwoo da; pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi, wo a awo nkaa wo da; efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,” Awurade na ose.
18799  ISA 54:6  Awurade bɛsan afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.
18801  ISA 54:8  Abufuw mmoroso mu, mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi, nanso mʼayamye a ɛnsa da nti, mehu wo mmɔbɔ,” nea Awurade, wo Gyefo se ni.
18803  ISA 54:10  Sɛ mmepɔw wosow, na nkoko tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,” sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.
18810  ISA 54:17  akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu. Eyi ne Awurade nkoa agyapade, ne wɔn bembu a efi me,” Awurade na ose.
18818  ISA 55:8  “Na mʼadwene nyɛ mo adwene, na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,” sɛnea Awurade se ni.
18854  ISA 57:19  na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano. Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.”
18890  ISA 59:20  “Ogyefo no bɛba Sion, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,” sɛɛ na Awurade se.
18891  ISA 59:21  “Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.
18973  ISA 65:7  mo ne mo agyanom bɔne nti,” sɛɛ na Awurade se. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so na wotwirii me wɔ nkoko so nti mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
18991  ISA 65:25  Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu gyata bɛwe sare sɛ nantwi, nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.
19008  ISA 66:17  “Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea Awurade se ni.
19011  ISA 66:20  Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na Awurade se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu.
19012  ISA 66:21  Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” Awurade, na ose!
19013  ISA 66:22  “Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea Awurade se ni.
19014  ISA 66:23  “Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea Awurade se ni.
19023  JER 1:8  Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.
19030  JER 1:15  Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni. “Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano; wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia ne Yuda nkurow nyinaa so.
19034  JER 1:19  Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.
19043  JER 2:9  “Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,” nea Awurade se ni. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
19046  JER 2:12  Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho, na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,” nea Awurade se ni.
19056  JER 2:22  Sɛ wode soda ne samina bebree guare mpo a, wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,” sɛnea Otumfo Awurade se ni.
19063  JER 2:29  “Adɛn nti na mobɔ me sobo? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ose.
19081  JER 3:10  Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.
19085  JER 3:14  “Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion.
19087  JER 3:16  Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso.
19091  JER 3:20  Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no, saa ara na moanni me nokware, Israelfi,” sɛnea Awurade se ni.
19097  JER 4:1  “Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a, san bra me nkyɛn,” sɛɛ na Awurade se. “Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani so na sɛ woamman bio,
19105  JER 4:9  “Saa da no,” Awurade na ose, “ɔhene no ne adwumayɛfo no bɛbɔ hu, asɔfo no bo betu, na adiyifo no ho bedwiriw wɔn.”
19138  JER 5:11  Israelfi ne Yudafi anni me nokware koraa,” Awurade na ose.
19142  JER 5:15  Israelfi,” Awurade na ose, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo, tete man a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a munnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase.
19145  JER 5:18  “Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora.
19170  JER 6:12  Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo, wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho; sɛ meteɛ me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a,” sɛnea Awurade se ni.
19173  JER 6:15  Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana? Dabi da, wɔn ani nnwu koraa; wonnim fɛre mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu; wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,” sɛnea Awurade se ni.
19198  JER 7:10  na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana?
19230  JER 8:8  “ ‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa, efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo de atoro adannan mu?
19239  JER 8:17  “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu, nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” nea Awurade se ni.
19247  JER 9:2  “Wosiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atoro; Ɛnyɛ nokware so na wɔnam di yiye wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wonnye me nto mu,” Awurade na ose.
19250  JER 9:5  Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,” sɛnea Awurade se ni.
19268  JER 9:23  Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhumu, na onim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,” sɛnea Awurade se ni.
19269  JER 9:24  “Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
19316  JER 11:21  Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,”
19335  JER 12:17  Nanso sɛ ɔman bi antie a, metu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ose.
19360  JER 13:25  Eyi ne nea mubenya, mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,” Awurade na ose, “efisɛ mo werɛ afi me na mode mo ho ato anyame huhuw so.
19387  JER 15:3  “Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn.
19390  JER 15:6  Woapo me,” Awurade na ose. “Wugu akyirisan so ara. Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio.
19393  JER 15:9  Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw, na wagyaa mu. Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ; wobegu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkae no bɛma afoa wɔ wɔn atamfo anim,” Awurade na ose.
19404  JER 15:20  Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi, bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato; wɔne wo bedi asi nanso wɔrenni wo so nkonim, efisɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ meyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ose.
19410  JER 16:5  “Nhyɛn ofi a ayiyɛ aponto wo mu; nkosu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, efisɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔbɔ afi saa nnipa yi so,” Awurade na ose.
19419  JER 16:14  “Nanso nna no reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
19547  JER 22:24  “Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.
19555  JER 23:2  Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni.
19558  JER 23:5  “Nna bi reba,” Awurade na ose, “sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid ɔhene bi a obedi ade nyansa mu na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.
19560  JER 23:7  Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
19564  JER 23:11  “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,” Awurade na ose.
19565  JER 23:12  “Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro; wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu na hɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ose.
19576  JER 23:23  “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ose, “na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
19582  JER 23:29  “Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?