3575 | LEV 27:4 | sɛ ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (340), |
9656 | 2KI 5:5 | Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe. |
10802 | 1CH 15:6 | Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano. |
10803 | 1CH 15:7 | Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa (130), a Yoel da wɔn ano. |
12098 | EZR 2:66 | Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), |
12493 | NEH 7:68 | Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho. |
21710 | EZK 45:11 | Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182), na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du. |