1 | GEN 1:1 | Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. |
2 | GEN 1:2 | Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani. |
3 | GEN 1:3 | Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. |
4 | GEN 1:4 | Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho. |
5 | GEN 1:5 | Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no. |
7 | GEN 1:7 | Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. |
8 | GEN 1:8 | Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien. |
9 | GEN 1:9 | Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. |
10 | GEN 1:10 | Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
12 | GEN 1:12 | Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. |
13 | GEN 1:13 | Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa. |
14 | GEN 1:14 | Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, |
15 | GEN 1:15 | na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
16 | GEN 1:16 | Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. |
18 | GEN 1:18 | na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
19 | GEN 1:19 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no. |
21 | GEN 1:21 | Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
23 | GEN 1:23 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no. |
24 | GEN 1:24 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
25 | GEN 1:25 | Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. |
27 | GEN 1:27 | Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. |
28 | GEN 1:28 | Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.” |
29 | GEN 1:29 | Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. |
30 | GEN 1:30 | Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa. |
31 | GEN 1:31 | Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia. |
32 | GEN 2:1 | Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. |
33 | GEN 2:2 | Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome. |
34 | GEN 2:3 | Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu. |
35 | GEN 2:4 | Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. |
36 | GEN 2:5 | Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. |
37 | GEN 2:6 | Nanso nsuti puepue fifii asase mu bɛfɔw asase ani nyinaa. |
38 | GEN 2:7 | Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo. |
39 | GEN 2:8 | Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae. |
40 | GEN 2:9 | Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini. |
41 | GEN 2:10 | Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan. |
42 | GEN 2:11 | Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. |
43 | GEN 2:12 | Na saa asase no so sikakɔkɔɔ ye. Na ɛhyɛ a ɛyɛ huam ne apopobibiribo nso wɔ hɔ. |
44 | GEN 2:13 | Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa. |
45 | GEN 2:14 | Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate. |
46 | GEN 2:15 | Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. |
48 | GEN 2:17 | nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.” |
50 | GEN 2:19 | Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. |
51 | GEN 2:20 | Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din. Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata. |
52 | GEN 2:21 | Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no. |
53 | GEN 2:22 | Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no. |
54 | GEN 2:23 | Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” |
55 | GEN 2:24 | Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro. |
56 | GEN 2:25 | Saa bere no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre. |
57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
62 | GEN 3:6 | Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii. |
63 | GEN 3:7 | Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so. |
64 | GEN 3:8 | Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. |
70 | GEN 3:14 | Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma. |
71 | GEN 3:15 | Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” |
72 | GEN 3:16 | Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.” |
73 | GEN 3:17 | Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so wo nkwanna nyinaa. |
74 | GEN 3:18 | Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wuram nhaban. |
76 | GEN 3:20 | Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na. |
77 | GEN 3:21 | Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. |
78 | GEN 3:22 | Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” |
79 | GEN 3:23 | Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so. |
80 | GEN 3:24 | Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no. |
81 | GEN 4:1 | Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. |
82 | GEN 4:2 | Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. |
83 | GEN 4:3 | Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre. |
84 | GEN 4:4 | Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. |
85 | GEN 4:5 | Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii. |
88 | GEN 4:8 | Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no. |
90 | GEN 4:10 | Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me. |
91 | GEN 4:11 | Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so. |
92 | GEN 4:12 | Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.” |
93 | GEN 4:13 | Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so. |
94 | GEN 4:14 | Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.” |
95 | GEN 4:15 | Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. |
96 | GEN 4:16 | Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam. |
97 | GEN 4:17 | Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok. |
98 | GEN 4:18 | Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. |
99 | GEN 4:19 | Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila. |
100 | GEN 4:20 | Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa. |
101 | GEN 4:21 | Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo. |
102 | GEN 4:22 | Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama. |
103 | GEN 4:23 | Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me. |
105 | GEN 4:25 | Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” |
106 | GEN 4:26 | Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos. Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din. |
107 | GEN 5:1 | Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso. |
108 | GEN 5:2 | Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa. |
109 | GEN 5:3 | Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set. |
110 | GEN 5:4 | Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
111 | GEN 5:5 | Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu. |
112 | GEN 5:6 | Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos. |
113 | GEN 5:7 | Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
114 | GEN 5:8 | Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu. |
115 | GEN 5:9 | Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan. |
116 | GEN 5:10 | Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
117 | GEN 5:11 | Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu. |
118 | GEN 5:12 | Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. |
119 | GEN 5:13 | Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
120 | GEN 5:14 | Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu. |
121 | GEN 5:15 | Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared. |