Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   Word?    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

67  GEN 3:11  Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”
86  GEN 4:6  Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa?
87  GEN 4:7  Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”
89  GEN 4:9  Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”
90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
317  GEN 12:18  Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere?
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
328  GEN 13:9  Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
415  GEN 17:17  Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?”
439  GEN 18:14  Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
442  GEN 18:17  Afei, Awurade kae se, “Ade a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no memfa nsie Abraham ana?
448  GEN 18:23  Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, “Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana?
449  GEN 18:24  Na sɛ nnipa trenee aduonum wɔ kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana?
453  GEN 18:28  sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?” Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”
463  GEN 19:5  Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
470  GEN 19:12  Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
500  GEN 20:4  Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?
505  GEN 20:9  Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”
531  GEN 21:17  Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no.
587  GEN 23:15  “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
597  GEN 24:5  Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”
615  GEN 24:23  Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”
623  GEN 24:31  Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”
703  GEN 26:10  Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.”
766  GEN 27:38  Esau bisaa nʼagya se, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Agya, hyira me nso bi!”
821  GEN 29:25  Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?”
833  GEN 30:2  Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”
888  GEN 31:14  Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana?
889  GEN 31:15  Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi.
900  GEN 31:26  Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo.
901  GEN 31:27  Adɛn nti na wodaadaa me, na wuguan fii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo pon, na mama nnipa abɛbɔ sanku, ato nnwom wɔ aponto no ase, de agya wo kwan.
910  GEN 31:36  Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?”
911  GEN 31:37  Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.
917  GEN 31:43  Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne?
976  GEN 33:15  Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.” Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.”
1004  GEN 34:23  Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”
1092  GEN 37:8  Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.
1094  GEN 37:10  Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?”
1110  GEN 37:26  Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya?
1275  GEN 42:22  Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa”
1298  GEN 43:7  Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”
1318  GEN 43:27  Yosef bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. Ɔtoaa so se, “Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase ana?”
1329  GEN 44:4  Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, “Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa?
1330  GEN 44:5  Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’ ”
1332  GEN 44:7  Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa!
1333  GEN 44:8  Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi?
1340  GEN 44:15  Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?”
1341  GEN 44:16  Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.”
1359  GEN 44:34  Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”
1483  GEN 49:9  Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfo nam awie. Wote sɛ gyata a wabutuw. Hena na obetumi akɔka no?
1526  GEN 50:19  Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana?
1569  EXO 2:14  Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.
1575  EXO 2:20  Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”
1613  EXO 4:11  Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm?
1635  EXO 5:2  Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”
1637  EXO 5:4  Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”
1648  EXO 5:15  Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa?
1655  EXO 5:22  Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me?
1737  EXO 8:22  Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana?
1781  EXO 10:3  Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me.
1785  EXO 10:7  Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!”
1895  EXO 14:5  Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!”
1901  EXO 14:11  Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no se, “Wode yɛn aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, efisɛ nna nni Misraim a sɛ yewuwu a wobesie yɛn wɔ mu ana? Adɛn nti na woma yetu fii Misraim?
1902  EXO 14:12  Bere a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo se ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkae se yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sen sɛ yebewu agu sare so ha.”
1905  EXO 14:15  Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnkɔ wɔn anim.
1932  EXO 15:11  Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo? Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, Ɔnwonwani Nyankopɔn.
1955  EXO 16:7  Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn?
1976  EXO 16:28  Awurade bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn?
1977  EXO 16:29  Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.”
1986  EXO 17:2  Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
1987  EXO 17:3  Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”
1988  EXO 17:4  Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”
2018  EXO 18:18  Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ.
2141  EXO 22:26  Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo.
2450  EXO 32:11  Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi?
2995  LEV 10:17  “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim.
4029  NUM 11:4  Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi?
4036  NUM 11:11  Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me?
4037  NUM 11:12  Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so?
4038  NUM 11:13  Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’
4047  NUM 11:22  Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”
4048  NUM 11:23  Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”
4054  NUM 11:29  Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!”
4062  NUM 12:2  Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
4074  NUM 12:14  Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.”
4095  NUM 13:19  Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho?
4096  NUM 13:20  Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.
4112  NUM 14:3  Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?”
4120  NUM 14:11  Awurade bisaa Mose se, “Nnipa yi bebu me animtiaa akosi da bɛn? Anwonwade dodow a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wonnye me nni ara?
4136  NUM 14:27  “Enkosi da bɛn na saa nnipa bɔnefo yi benwiinwii atia me? Na mate saa Israelfo yi anwiinwiisɛm yi nyinaa.
4150  NUM 14:41  Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye!
4152  NUM 14:43  Amalekfo ne Kanaanfo no behyia mo wɔ hɔ wɔ hɔ? Esiane sɛ moapa Awurade nti, ɔrenka mo ho na mobɛtotɔ wɔ afoa no.”
4204  NUM 16:9  Yi a Israel Nyankopɔn ayi wo afi nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiae Ntamadan mu adwuma, na wutumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no sua ma wo ana?
4208  NUM 16:13  So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso!
4209  NUM 16:14  Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”
4316  NUM 20:4  Adɛn nti na mode Awurade man ne yɛn nguan ne yɛn anantwi aba sare yi so sɛ yemmewuwu?
4317  NUM 20:5  Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”
4346  NUM 21:5  wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
4406  NUM 22:30  Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?” Obuae se, “Dabi.”