Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   ’    February 24, 2023 at 23:34    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

6050  JOS 9:11  Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.”
7278  1SA 2:36  Na wʼasefo nyinaa bɛkotow nʼasefo, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduan. Wɔbɛka se, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfo no mu sɛnea ɛbɛma yɛanya aduan adi amee.”
7422  1SA 10:2  Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?”
8190  2SA 7:7  Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?”
10874  1CH 17:6  Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?”
18631  ISA 44:28  nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.”
19528  JER 22:5  Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.”
21359  EZK 33:10  “Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?”
21430  EZK 36:2  Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.”
21507  EZK 38:13  Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?”
23985  MAT 22:44  “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nifa kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo nyinaa so.”
24778  MRK 12:36  Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se: “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.”
25547  LUK 12:19  Na maka akyerɛ me kra se, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!”
26034  LUK 23:30  Saa bere no “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!”
27053  ACT 2:35  kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ntiaso.”