Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   !    February 25, 2023 at 01:25    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
95  GEN 4:15  Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no.
155  GEN 6:17  Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu.
232  GEN 9:26  Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade!
384  GEN 16:2  enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
387  GEN 16:5  Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
416  GEN 17:18  Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!
450  GEN 18:25  Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”
466  GEN 19:8  Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
472  GEN 19:14  Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.
473  GEN 19:15  Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
475  GEN 19:17  Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!
476  GEN 19:18  Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom!
531  GEN 21:17  Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no.
538  GEN 21:24  Abraham penee so se, “Meka saa ntam no!
549  GEN 22:1  Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!Abraham buae se, “Me ni!
555  GEN 22:7  Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?”
559  GEN 22:11  Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!Na Abraham gyee so se, “Me ni.”
583  GEN 23:11  “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
587  GEN 23:15  “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!
634  GEN 24:42  “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!
650  GEN 24:58  Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!
652  GEN 24:60  Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
689  GEN 25:30  Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.
734  GEN 27:6  Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se,
746  GEN 27:18  Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?”
754  GEN 27:26  Isak wiee no, ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, bra befew mʼano!
755  GEN 27:27  Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se, “Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ hua a efi afuw a Awurade ahyira so no mu.
761  GEN 27:33  Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho fii ase wosow biribiribiri, na obisae se, “Ɛno de, na hena na ɔkɔɔ ahayɛ kokum nam de noaa aduan brɛɛ me yi. Mididi wie hyiraa onipa ko no pɛ na wobaa yi. Nokware ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesan mʼano a, ɛrenyɛ yiye!
762  GEN 27:34  Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!
763  GEN 27:35  Nanso Isak kae se, “Ɛno de, na wo nua na ɔde nnaadaa abegye wo nhyira!
764  GEN 27:36  Esau kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a ase kyerɛ nantintwitwafo. Eyi ne ne mprenu so a wadaadaa me. Nea edi kan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panyin. Nea ɛto so abien nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!Afei, Esau bisaa nʼagya se, “Enti woannyaw me nhyira no bi a wode behyira me nso?”
766  GEN 27:38  Esau bisaa nʼagya se, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Agya, hyira me nso bi!
767  GEN 27:39  Afei, nʼagya Isak buaa no se, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so.
790  GEN 28:16  Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!
815  GEN 29:19  Laban kae se, “Mepene so! Eye sɛ mede no bɛma wo aware mmom sen sɛ mede no bɛma obi foforo bi a minnim no. Enti tena me nkyɛn.”
829  GEN 29:33  Lea nyinsɛnee bio na ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Esiane sɛ Awurade huu sɛ me kunu ani nnye me ho nti, wasan akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a nkyerɛase ne “Awurade ate!
832  GEN 30:1  Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!
842  GEN 30:11  Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.”
844  GEN 30:13  Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”
885  GEN 31:11  Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!Na migyee so se, ‘Me ni!
920  GEN 31:46  Yakob kyerɛɛ ne nuanom no se, “Montase abo!Enti wɔtasee abo boaa ano, na wɔn nyinaa tenaa ho didii.
922  GEN 31:48  Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.
931  GEN 32:3  Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.
985  GEN 34:4  Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!
1103  GEN 37:19  Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no!
1114  GEN 37:30  Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”
1117  GEN 37:33  Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”
1149  GEN 38:29  Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!Wɔtoo no din Peres.
1157  GEN 39:7  Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!
1159  GEN 39:9  Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.”
1162  GEN 39:12  Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.
1164  GEN 39:14  ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu.
1200  GEN 41:4  Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
1239  GEN 41:43  Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
1262  GEN 42:9  Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
1267  GEN 42:14  Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo!
1269  GEN 42:16  Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!
1275  GEN 42:22  Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa”
1281  GEN 42:28  Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
1289  GEN 42:36  Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
1320  GEN 43:29  Bere a nʼani tɔɔ ne na ba Benyamin anim no, obisae se, “Oyi ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ana?” Ɔtoaa so se, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!
1322  GEN 43:31  Osu wiee no, ɔhohoroo nʼanim, san bae de animia kae se, “Momma yennidi!
1332  GEN 44:7  Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa!
1359  GEN 44:34  Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”
1362  GEN 45:3  Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.
1367  GEN 45:8  “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
1368  GEN 45:9  Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim!
1377  GEN 45:18  na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!
1385  GEN 45:26  Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni.
1389  GEN 46:2  Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!Yakob gyee so se, “Me ni.”
1436  GEN 47:15  Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”
1440  GEN 47:19  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
1481  GEN 49:7  Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den, na ɛyɛ atirimɔdensɛm! Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete Israelman mu nyinaa.
1526  GEN 50:19  Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana?
1528  GEN 50:21  Enti munnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ehia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
1584  EXO 3:4  Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!Mose gyee so se, “Me ni.”
1606  EXO 4:4  Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no.
1637  EXO 5:4  Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!
1640  EXO 5:7  “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no.
1649  EXO 5:16  Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”
1762  EXO 9:19  Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”
1785  EXO 10:7  Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!
1806  EXO 10:28  Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”
1814  EXO 11:7  Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!
1815  EXO 11:8  Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.
1829  EXO 12:12  “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade!
1895  EXO 14:5  Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!
1904  EXO 14:14  Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!
1937  EXO 15:16  Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. Awurade, wo tumi nti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn Betwa wɔn ho asomdwoe mu.
1986  EXO 17:2  Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
1987  EXO 17:3  Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!
2456  EXO 32:17  Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!
2463  EXO 32:24  Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!
2995  LEV 10:17  “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim.
3093  LEV 13:40  “Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!
3098  LEV 13:45  “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!
3147  LEV 14:35  ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!