3 | GEN 1:3 | Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. |
5 | GEN 1:5 | Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no. |
6 | GEN 1:6 | Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.” |
9 | GEN 1:9 | Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. |
10 | GEN 1:10 | Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
15 | GEN 1:15 | na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
20 | GEN 1:20 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” |
22 | GEN 1:22 | Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.” |
24 | GEN 1:24 | Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
26 | GEN 1:26 | Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.” |
28 | GEN 1:28 | Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.” |
30 | GEN 1:30 | Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa. |
48 | GEN 2:17 | nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.” |
49 | GEN 2:18 | Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.” |
54 | GEN 2:23 | Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” |
57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
59 | GEN 3:3 | nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ” |
61 | GEN 3:5 | Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.” |
65 | GEN 3:9 | Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?” |
66 | GEN 3:10 | Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.” |
67 | GEN 3:11 | Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?” |
68 | GEN 3:12 | Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.” |
69 | GEN 3:13 | Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.” |
71 | GEN 3:15 | Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” |
72 | GEN 3:16 | Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.” |
75 | GEN 3:19 | Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” |
78 | GEN 3:22 | Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” |
87 | GEN 4:7 | Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.” |
88 | GEN 4:8 | Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no. |
89 | GEN 4:9 | Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?” |
92 | GEN 4:12 | Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.” |
94 | GEN 4:14 | Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.” |
95 | GEN 4:15 | Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. |
104 | GEN 4:24 | Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a, ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.” |
105 | GEN 4:25 | Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” |
135 | GEN 5:29 | Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.” |
141 | GEN 6:3 | Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.” |
145 | GEN 6:7 | Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.” |
159 | GEN 6:21 | Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.” |
164 | GEN 7:4 | Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.” |
201 | GEN 8:17 | Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.” |
206 | GEN 8:22 | “Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahuhuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo to rentwa da.” |
213 | GEN 9:7 | Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.” |
217 | GEN 9:11 | Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.” |
222 | GEN 9:16 | Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.” |
223 | GEN 9:17 | Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.” |
231 | GEN 9:25 | ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.” |
233 | GEN 9:27 | Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.” |
270 | GEN 11:3 | Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan. |
271 | GEN 11:4 | Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.” |
274 | GEN 11:7 | Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.” |
302 | GEN 12:3 | Mehyira wɔn a wohyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wobehyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” |
306 | GEN 12:7 | Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no. |
312 | GEN 12:13 | Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wɔ wo ho nti wɔrenkum me.” |
318 | GEN 12:19 | Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!” |
328 | GEN 13:9 | Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.” |
336 | GEN 13:17 | Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, efisɛ mede rema wo.” |
357 | GEN 14:20 | Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako. |
358 | GEN 14:21 | Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.” |
361 | GEN 14:24 | Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.” |
362 | GEN 15:1 | Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se, “Abram, nsuro. Meyɛ wo nkatabo. Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.” |
363 | GEN 15:2 | Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?” |
364 | GEN 15:3 | Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.” |
365 | GEN 15:4 | Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.” |
366 | GEN 15:5 | Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.” |
368 | GEN 15:7 | Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.” |
369 | GEN 15:8 | Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?” |
370 | GEN 15:9 | Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.” |
377 | GEN 15:16 | Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.” |
382 | GEN 15:21 | Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.” |
384 | GEN 16:2 | enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. |
387 | GEN 16:5 | Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.” |
388 | GEN 16:6 | Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn. |
390 | GEN 16:8 | Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.” |
391 | GEN 16:9 | Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” |
392 | GEN 16:10 | Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.” |
394 | GEN 16:12 | Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.” |
395 | GEN 16:13 | Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no. |
396 | GEN 16:14 | Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ. |
400 | GEN 17:2 | Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.” |
406 | GEN 17:8 | Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.” |
412 | GEN 17:14 | Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.” |
414 | GEN 17:16 | Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.” |
415 | GEN 17:17 | Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?” |
416 | GEN 17:18 | Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!” |
419 | GEN 17:21 | Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.” |
430 | GEN 18:5 | Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.” |
431 | GEN 18:6 | Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.” |
434 | GEN 18:9 | Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.” |
435 | GEN 18:10 | Afei, Awurade kae se, “Nea ɛbɛyɛ biara, afe sesɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa bere no, na Sara gyina ntamadan no pon akyi, retie nkɔmmɔ no. |
437 | GEN 18:12 | Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?” |
439 | GEN 18:14 | Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” |
440 | GEN 18:15 | Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.” Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.” |
444 | GEN 18:19 | Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.” |
446 | GEN 18:21 | Mɛkɔ hɔ akɔhwɛ sɛ, nea wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru sɛnea mate no ana. Sɛ ɛnte saa nso a, mehu.” |
450 | GEN 18:25 | Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?” |
451 | GEN 18:26 | Na Awurade kae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no.” |
453 | GEN 18:28 | sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?” Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.” |
454 | GEN 18:29 | Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.” |