19 | GEN 1:19 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no. |
23 | GEN 1:23 | Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no. |
48 | GEN 2:17 | nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.” |
64 | GEN 3:8 | Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. |
69 | GEN 3:13 | Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.” |
88 | GEN 4:8 | Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no. |
90 | GEN 4:10 | Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me. |
103 | GEN 4:23 | Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me. |
227 | GEN 9:21 | Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw. |
242 | GEN 10:7 | Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan. |
262 | GEN 10:27 | Hadoram, Usal, Dikla, |
317 | GEN 12:18 | Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere? |
351 | GEN 14:14 | Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu. |
352 | GEN 14:15 | Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. |
359 | GEN 14:22 | Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, |
363 | GEN 15:2 | Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?” |
460 | GEN 19:2 | Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.” Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.” |
467 | GEN 19:9 | Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no. |
476 | GEN 19:18 | Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom! |
489 | GEN 19:31 | Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛnea wɔyɛ wɔ wiase baabiara no. |
505 | GEN 20:9 | Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” |
506 | GEN 20:10 | Afei, Abimelek bisaa Abraham se, “Dɛn adwene na ɛkaa wo a ɛma woyɛɛ saa?” |
522 | GEN 21:8 | Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse. |
562 | GEN 22:14 | Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se, “Wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔw no so.” |
583 | GEN 23:11 | “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.” |
594 | GEN 24:2 | Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. |
655 | GEN 24:63 | Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba. |
662 | GEN 25:3 | Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo. |
673 | GEN 25:14 | Misma, Duma, Masa, |
677 | GEN 25:18 | Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam. |
681 | GEN 25:22 | Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ. |
688 | GEN 25:29 | Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. |
703 | GEN 26:10 | Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.” |
719 | GEN 26:26 | Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. |
725 | GEN 26:32 | Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.” |
786 | GEN 28:12 | Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian. |
811 | GEN 29:15 | Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” |
837 | GEN 30:6 | Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.” |
852 | GEN 30:21 | Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina. |
866 | GEN 30:35 | Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima. |
939 | GEN 32:11 | Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi. |
971 | GEN 33:10 | Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim. |
982 | GEN 34:1 | Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. |
983 | GEN 34:2 | Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa. |
984 | GEN 34:3 | Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. |
986 | GEN 34:5 | Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae. |
988 | GEN 34:7 | Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade. |
989 | GEN 34:8 | Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no. |
992 | GEN 34:11 | Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua. |
994 | GEN 34:13 | Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi. |
1006 | GEN 34:25 | Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. |
1007 | GEN 34:26 | Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn. |
1008 | GEN 34:27 | Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi. |
1020 | GEN 35:8 | Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum. |
1037 | GEN 35:25 | Rahel afenaa Bilha mmabarima baanu no ne Dan ne Naftali |
1053 | GEN 36:12 | Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom. |
1062 | GEN 36:21 | Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no. |
1066 | GEN 36:25 | Ana mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no. |
1067 | GEN 36:26 | Disan mmabarima ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. |
1069 | GEN 36:28 | Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran. |
1071 | GEN 36:30 | Disan, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so. |
1073 | GEN 36:32 | Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba. |
1089 | GEN 37:5 | Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo. |
1094 | GEN 37:10 | Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?” |
1096 | GEN 37:12 | Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem. |
1101 | GEN 37:17 | Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ” Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. |
1119 | GEN 37:35 | Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no. |
1138 | GEN 38:18 | Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?” Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee. |
1161 | GEN 39:11 | Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. |
1263 | GEN 42:10 | Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. |
1265 | GEN 42:12 | Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.” |
1281 | GEN 42:28 | Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!” Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?” |
1340 | GEN 44:15 | Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?” |
1359 | GEN 44:34 | Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.” |
1395 | GEN 46:8 | Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan. |
1402 | GEN 46:15 | Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa. |
1410 | GEN 46:23 | Dan babarima yɛ Husim. |
1470 | GEN 48:18 | Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” |
1490 | GEN 49:16 | “Dan bebu ne manfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw no baako. |
1491 | GEN 49:17 | Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi. |
1537 | EXO 1:4 | Dan, Naftali; Gad ne Aser. |
1568 | EXO 2:13 | Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?” |
1570 | EXO 2:15 | Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, |
1604 | EXO 4:2 | Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?” Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.” |
1639 | EXO 5:6 | Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, |
1684 | EXO 6:28 | Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, |
1803 | EXO 10:25 | Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. |
1806 | EXO 10:28 | Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.” |
1846 | EXO 12:29 | Da no ara anadwo nnɔndumien Awurade kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa. |
1868 | EXO 12:51 | Da no ara na Awurade yii Israelfo no fii Misraim asase so. |
1895 | EXO 14:5 | Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!” |
1945 | EXO 15:24 | Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?” |
1963 | EXO 16:15 | Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?” Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no. |
1970 | EXO 16:22 | Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa. |
1988 | EXO 17:4 | Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.” |
2064 | EXO 20:12 | Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so. |