2 | GEN 1:2 | Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani. |
14 | GEN 1:14 | Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, |
42 | GEN 2:11 | Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. |
64 | GEN 3:8 | Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. |
67 | GEN 3:11 | Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?” |
76 | GEN 3:20 | Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na. |
77 | GEN 3:21 | Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. |
81 | GEN 4:1 | Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. |
82 | GEN 4:2 | Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. |
84 | GEN 4:4 | Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. |
88 | GEN 4:8 | Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no. |
89 | GEN 4:9 | Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?” |
97 | GEN 4:17 | Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok. |
98 | GEN 4:18 | Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. |
105 | GEN 4:25 | Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” |
124 | GEN 5:18 | Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok. |
125 | GEN 5:19 | Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
127 | GEN 5:21 | Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela. |
128 | GEN 5:22 | Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
129 | GEN 5:23 | Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum. |
130 | GEN 5:24 | Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe. |
138 | GEN 5:32 | Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet. |
148 | GEN 6:10 | Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet. |
173 | GEN 7:13 | Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. |
224 | GEN 9:18 | Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. |
228 | GEN 9:22 | Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ. |
231 | GEN 9:25 | ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.” |
236 | GEN 10:1 | Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi. |
241 | GEN 10:6 | Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan. |
242 | GEN 10:7 | Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan. |
250 | GEN 10:15 | Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het. |
252 | GEN 10:17 | Hewifo, Arkifo, Sinifo, |
253 | GEN 10:18 | Arwadfo, Semarifo ne Hematifo. Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee. |
255 | GEN 10:20 | Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi. |
258 | GEN 10:23 | Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas. |
261 | GEN 10:26 | Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, |
262 | GEN 10:27 | Hadoram, Usal, Dikla, |
264 | GEN 10:29 | Ofir, Hawila ne Yobab. |
293 | GEN 11:26 | Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. |
294 | GEN 11:27 | Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. |
295 | GEN 11:28 | Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. |
296 | GEN 11:29 | Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. |
298 | GEN 11:31 | Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ. |
299 | GEN 11:32 | Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran. |
303 | GEN 12:4 | Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum. |
304 | GEN 12:5 | Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so. |
337 | GEN 13:18 | Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade. |
342 | GEN 14:5 | Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim |
343 | GEN 14:6 | ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. |
344 | GEN 14:7 | Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa. |
350 | GEN 14:13 | Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. |
352 | GEN 14:15 | Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. |
381 | GEN 15:20 | Hetifo, Perisifo, Refaimfo, |
383 | GEN 16:1 | Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; |
384 | GEN 16:2 | enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. |
385 | GEN 16:3 | Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no. |
386 | GEN 16:4 | Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa. |
388 | GEN 16:6 | Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn. |
389 | GEN 16:7 | Awurade bɔfo huu Hagar wɔ nsu aniwa bi ho wɔ sare no so. Na saa nsu aniwa no da ɔkwan a ɛkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. |
390 | GEN 16:8 | Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.” |
391 | GEN 16:9 | Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” |
393 | GEN 16:11 | Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu. |
397 | GEN 16:15 | Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael. |
398 | GEN 16:16 | Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia. |
478 | GEN 19:20 | Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?” |
521 | GEN 21:7 | Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.” |
523 | GEN 21:9 | Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw. |
526 | GEN 21:12 | Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo. |
528 | GEN 21:14 | Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ. |
530 | GEN 21:16 | Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui. |
531 | GEN 21:17 | Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no. |
533 | GEN 21:19 | Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee. |
570 | GEN 22:22 | Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.” |
574 | GEN 23:2 | Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. |
575 | GEN 23:3 | Abraham gyaw ne yere Sara amu no wɔ hɔ, kɔɔ Hetifo mpanyimfo nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn se, |
577 | GEN 23:5 | Hetifo no buaa Abraham se, |
579 | GEN 23:7 | Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim, |
582 | GEN 23:10 | Saa bere no na Hetini Efron a ɔte ne manfo mu no buaa Abraham, maa ne nkurɔfo a wɔahyia wɔ kurow no pon ano nyinaa tee sɛ, |
588 | GEN 23:16 | Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka. |
590 | GEN 23:18 | Abraham sɛ nʼagyapade. Eyi nyinaa sii wɔ Hetifo no ne wɔn a wɔbaa kurow no pon no ano nyinaa anim. |
591 | GEN 23:19 | Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. |
592 | GEN 23:20 | Enti Hetifo no yɛɛ nhyehyɛe de afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ nʼagyapade ne nʼamusiei. |
598 | GEN 24:6 | Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. |
605 | GEN 24:13 | Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu. |
615 | GEN 24:23 | Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?” |
635 | GEN 24:43 | Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no, |
639 | GEN 24:47 | “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’ “Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa. |
663 | GEN 25:4 | Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo. |
668 | GEN 25:9 | Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam. |
669 | GEN 25:10 | Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara. |
671 | GEN 25:12 | Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm. |
674 | GEN 25:15 | Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. |
677 | GEN 25:18 | Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam. |
727 | GEN 26:34 | Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. |
762 | GEN 27:34 | Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!” |
771 | GEN 27:43 | Enti me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye. Guan ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. |
773 | GEN 27:45 | Sɛ wo nua koma tɔ ne yam, na ne werɛ fi nea woyɛɛ no, na ogyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafi Haran aba. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bɔ mu wu da koro?” |
774 | GEN 27:46 | Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.” |
784 | GEN 28:10 | Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. |