Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   T    February 25, 2023 at 01:25    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

45  GEN 2:14  Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.
90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
102  GEN 4:22  Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.
155  GEN 6:17  Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu.
237  GEN 10:2  Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
238  GEN 10:3  Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma.
239  GEN 10:4  Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
291  GEN 11:24  Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera.
292  GEN 11:25  Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
293  GEN 11:26  Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
294  GEN 11:27  Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.
295  GEN 11:28  Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no.
298  GEN 11:31  Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no,tenaa hɔ.
299  GEN 11:32  Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.
338  GEN 14:1  Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so,
344  GEN 14:7  Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a nate Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.
346  GEN 14:9  saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu.
396  GEN 16:14  Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
467  GEN 19:9  Dɔm no tteɛɛ mu se,Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
572  GEN 22:24  Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.
674  GEN 25:15  Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
690  GEN 25:31  Yakob buae se,Tɔn wo panyin no ma me ansa.”
696  GEN 26:3  Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.
709  GEN 26:16  Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se,Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.”
767  GEN 27:39  Afei, nʼagya Isak buaa no se,Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so.
772  GEN 27:44  Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kosi sɛ wo nua Esau bo bedwo.
915  GEN 31:41  Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du.
1052  GEN 36:11  Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
1053  GEN 36:12  Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
1056  GEN 36:15  Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,
1063  GEN 36:22  Lotan mmabarima ne eyinom: Hori ne Homam. Na Timna Lotan nuabea.
1075  GEN 36:34  Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
1081  GEN 36:40  Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
1083  GEN 36:42  Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
1126  GEN 38:6  Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.
1128  GEN 38:8  Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.”
1129  GEN 38:9  Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de.
1131  GEN 38:11  Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se,Tu natena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu tenaa nʼagya fi hɔ.
1132  GEN 38:12  Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe.
1133  GEN 38:13  Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.”
1134  GEN 38:14  Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ.
1135  GEN 38:15  Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim.
1136  GEN 38:16  Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?”
1137  GEN 38:17  Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?”
1138  GEN 38:18  Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?” Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee.
1139  GEN 38:19  Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae.
1144  GEN 38:24  Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.”
1145  GEN 38:25  Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.”
1146  GEN 38:26  Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
1147  GEN 38:27  Tamar awo duu so no, ɔwoo nta.
1329  GEN 44:4  Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se,Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa?
1400  GEN 46:13  Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
1605  EXO 4:3  Awurade ka kyerɛɛ no se,Tow kyene fam.” Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho.
1727  EXO 8:12  Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se,Two pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ 
1765  EXO 9:22  Awurade ka kyerɛɛ Mose se,Two nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.”
1790  EXO 10:12  Awurade ka kyerɛɛ Mose se,Two nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.”
1799  EXO 10:21  Awurade ka kyerɛɛ Mose se,Two nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.”
1828  EXO 12:11  Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.
1838  EXO 12:21  Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa.
1844  EXO 12:27  mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ ” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.
1860  EXO 12:43  Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi.
1863  EXO 12:46  “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu.
1865  EXO 12:48  “Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no.
1870  EXO 13:2  Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”
1916  EXO 14:26  Awurade ka kyerɛɛ Mose se,Two nsa wɔ po no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no so.”
2019  EXO 18:19  Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.
2039  EXO 19:12  Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu.
2043  EXO 19:16  Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe.
2046  EXO 19:19  Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae.
2050  EXO 19:23  Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se,Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’ ”
2282  EXO 27:9  Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum
2324  EXO 28:30  Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
2354  EXO 29:17  Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako
2522  EXO 34:25  “Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so.
2926  LEV 8:8  Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu.
3408  LEV 23:5  Wofi Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔsram a edi kan no da ɛto so dunan no anwummere.
3968  NUM 9:2  “Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano.
3970  NUM 9:4  Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no,
3972  NUM 9:6  Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara
3976  NUM 9:10  “Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no,
3978  NUM 9:12  Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
3979  NUM 9:13  Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.
3980  NUM 9:14  “Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.”
4028  NUM 11:3  Efi saa bere no,too beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
4098  NUM 13:22  Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
4198  NUM 16:3  Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
4240  NUM 17:10  Twe wo ho fi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Na Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam.
4329  NUM 20:17  Yɛsrɛ mo sɛ, ma yentwa mu mfa wo man yi mu. Yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsu. Yɛbɛfa Ɔhene Tempɔn so na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra wo hye no.”
4358  NUM 21:17  Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi,Tue Ao, Abura! To ho dwom!
4359  NUM 21:18  To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho, sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu; akunini a wokura ahempeaw ne pema.” Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana,
4420  NUM 23:3  Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se,Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
4432  NUM 23:15  Balaam ka kyerɛɛ Balak se,Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”
4489  NUM 25:17  Tow hyɛ Midianfo no so sɛ atamfo na kunkum wɔn.
4514  NUM 26:23  Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase: Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola; Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;