3 | GEN 1:3 | Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. |
29 | GEN 1:29 | Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. |
59 | GEN 3:3 | nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ” |
78 | GEN 3:22 | Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.” |
95 | GEN 4:15 | Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no. |
157 | GEN 6:19 | Ɛsɛ sɛ wode abɔde a nkwa wɔ mu nyinaa, abien abien a ɛyɛ onini ne ɔbere, a wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyiri bere no a wonnwuwu. |
159 | GEN 6:21 | Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.” |
177 | GEN 7:17 | Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. |
183 | GEN 7:23 | Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara. |
195 | GEN 8:11 | Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so. |
205 | GEN 8:21 | Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi. |
219 | GEN 9:13 | Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. |
275 | GEN 11:8 | Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere. |
276 | GEN 11:9 | Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa. |
302 | GEN 12:3 | Mehyira wɔn a wohyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wobehyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” |
305 | GEN 12:6 | Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so. |
307 | GEN 12:8 | Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. |
323 | GEN 13:4 | Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade. |
328 | GEN 13:9 | Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.” |
337 | GEN 13:18 | Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade. |
395 | GEN 16:13 | Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no. |
396 | GEN 16:14 | Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ. |
406 | GEN 17:8 | Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.” |
408 | GEN 17:10 | Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia. |
409 | GEN 17:11 | Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. |
413 | GEN 17:15 | Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. |
440 | GEN 18:15 | Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.” Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.” |
443 | GEN 18:18 | Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wobehyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. |
450 | GEN 18:25 | Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?” |
480 | GEN 19:22 | Ɛno de, guan kɔ hɔ ntɛm, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Efi saa bere no na wɔfrɛɛ kurow no Soar a ase ne kurow ketewa. |
502 | GEN 20:6 | Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. |
508 | GEN 20:12 | Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no. |
531 | GEN 21:17 | Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no. |
547 | GEN 21:33 | Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa. |
559 | GEN 22:11 | Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!” Na Abraham gyee so se, “Me ni.” |
579 | GEN 23:7 | Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim, |
600 | GEN 24:8 | Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.” |
606 | GEN 24:14 | Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.” |
639 | GEN 24:47 | “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’ “Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa. |
669 | GEN 25:10 | Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara. |
689 | GEN 25:30 | Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ. |
694 | GEN 26:1 | Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. |
695 | GEN 26:2 | Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. |
697 | GEN 26:4 | Mɛma wʼasefo adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa. |
702 | GEN 26:9 | Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.” |
704 | GEN 26:11 | Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no.” |
709 | GEN 26:16 | Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.” |
743 | GEN 27:15 | Ɛno akyi no, Rebeka faa ne ba panyin Esau atade papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛe. |
747 | GEN 27:19 | Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ nea woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduan no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wudidi wie a, woahyira me.” |
748 | GEN 27:20 | Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buae se, “Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” |
760 | GEN 27:32 | Nʼagya Isak bisaa no se, “Na hena ni?” Esau buae se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” |
761 | GEN 27:33 | Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho fii ase wosow biribiribiri, na obisae se, “Ɛno de, na hena na ɔkɔɔ ahayɛ kokum nam de noaa aduan brɛɛ me yi. Mididi wie hyiraa onipa ko no pɛ na wobaa yi. Nokware ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesan mʼano a, ɛrenyɛ yiye!” |
763 | GEN 27:35 | Nanso Isak kae se, “Ɛno de, na wo nua na ɔde nnaadaa abegye wo nhyira kɔ!” |
764 | GEN 27:36 | Esau kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a ase kyerɛ nantintwitwafo. Eyi ne ne mprenu so a wadaadaa me. Nea edi kan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panyin. Nea ɛto so abien nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya se, “Enti woannyaw me nhyira no bi a wode behyira me nso?” |
769 | GEN 27:41 | Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyee no nti, Esau tan Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim se, “Ɛrenkyɛ, na mʼagya Isak awu. Sɛ owu a, mekum me nua Yakob.” |
791 | GEN 28:17 | Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.” |
811 | GEN 29:15 | Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” |
816 | GEN 29:20 | Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel nti, ɔsom Laban mfe ason, na wanhu koraa sɛ wasom akyɛ saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ. |
818 | GEN 29:22 | Ɛno nti, Laban too pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa aponto no ase. |
820 | GEN 29:24 | Ɛno akyi no, Laban de nʼafenaa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no. |
821 | GEN 29:25 | Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?” |
822 | GEN 29:26 | Laban buaa Yakob se, “Ɛha de, ɛnyɛ yɛn amanne sɛ yɛde ɔbabea kumaa ma aware wɔ bere a ɔpanyin no nwaree ɛ. |
824 | GEN 29:28 | Yakob penee so ne Lea tenaa nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, ɔsom mfe ason ansa na Laban de ne babea Rahel nso maa no waree. |
830 | GEN 29:34 | Lea san nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Afei de, me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Ɛno nti, ɔtoo no din Lewi a nkyerɛase ne “Ahofam.” |
831 | GEN 29:35 | Lea san nyinsɛnee. Bere a ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Saa bere yi de, mɛkamfo Awurade.” Ɛno nti, ɔtoo no din Yuda, a ne nkyerɛase ne “Nkamfo.” Eyi akyi no, ɔhomee awo so. |
839 | GEN 30:8 | Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.” |
847 | GEN 30:16 | Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no. |
874 | GEN 30:43 | Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree. |
890 | GEN 31:16 | Ɛyɛ nokware turodoo sɛ yɛn agya ahode a Onyankopɔn gyei no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.” |
907 | GEN 31:33 | Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu. |
910 | GEN 31:36 | Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?” |
917 | GEN 31:43 | Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne? |
922 | GEN 31:48 | Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. |
928 | GEN 31:54 | Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔre wɔ bepɔw no atifi, na ohyiahyiaa ne nnamfonom ma wobedidii. Ɛno akyi no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔw no so. |
931 | GEN 32:3 | Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase. |
959 | GEN 32:31 | Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.” |
961 | GEN 32:33 | Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no. |
974 | GEN 33:13 | Nanso Yakob buaa no se, “Me wura ankasa nim sɛ mmofra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwi ne nguan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn brɛoo. Sɛ meka wɔn so da koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bewuwu. |
976 | GEN 33:15 | Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.” Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.” |
978 | GEN 33:17 | Nanso Yakob de, ɔkɔɔ Sukot kosisii ne ntamadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenae. Ɛno nti na wɔfrɛ saa beae hɔ Sukot, a ne nkyerɛase ne Asese no. |
985 | GEN 34:4 | Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!” |
1022 | GEN 35:10 | Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔfrɛ wo Yakob de, nanso efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a ne nkyerɛase ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asi.” Enti Onyankopɔn too ne din se Israel. |
1049 | GEN 36:8 | Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so. |
1111 | GEN 37:27 | Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so. |
1122 | GEN 38:2 | Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no. |
1128 | GEN 38:8 | Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.” |
1141 | GEN 38:21 | Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.” |
1144 | GEN 38:24 | Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.” |
1159 | GEN 39:9 | Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” |
1160 | GEN 39:10 | Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda. |
1172 | GEN 39:22 | Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. |
1181 | GEN 40:8 | Nneduafo no buaa Yosef se, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo adae, nanso yennya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn ase.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase de, nanso monka mo dae a mososoe no nkyerɛ me.” |
1205 | GEN 41:9 | Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ. |
1206 | GEN 41:10 | Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase wɔ awɛmfo panyin fi. |
1211 | GEN 41:15 | Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfrɛ wo yi.” |
1221 | GEN 41:25 | Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo. |