473 | GEN 19:15 | Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.” |
531 | GEN 21:17 | Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no. |
559 | GEN 22:11 | Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!” Na Abraham gyee so se, “Me ni.” |
762 | GEN 27:34 | Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!” |
767 | GEN 27:39 | Afei, nʼagya Isak buaa no se, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so. |
1103 | GEN 37:19 | Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no! |
1164 | GEN 39:14 | ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. |
1389 | GEN 46:2 | Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so se, “Me ni.” |
1584 | EXO 3:4 | Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!” Mose gyee so se, “Me ni.” |
4207 | NUM 16:12 | Afei Mose frɛɛ Eliab mmabarima Datan ne Abiram, nanso wobuae se, “Yɛremma! |
4257 | NUM 17:27 | Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera! |
4470 | NUM 24:23 | Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu? |
5988 | JOS 7:10 | Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa? |
5991 | JOS 7:13 | “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma Awurade no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu. |
6705 | JDG 7:9 | Anadwo no, Awurade kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! |
6711 | JDG 7:15 | Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! Awurade de Midianfo ahyɛ mo nsa.” |
6963 | JDG 16:12 | Enti Delila kɔfaa ntampehama amono de kyekyeree no. Saa bere no na mmarima no akɔtetɛw wɔ dan mu te sɛ kan no. Bio, Delila teɛɛ mu frɛɛ no se, “Samson! Filistifo aba sɛ wɔrebɛkyere wo!” Nanso Samson tetew ntampehama no mu fii ne nsa so te sɛ asaawa bi. |
6965 | JDG 16:14 | de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu. |
6971 | JDG 16:20 | Afei, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Onyan no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mɛyɛ sɛnea kan no na meyɛ no; mɛwosow me ho agye me ho.” Nanso na onnim sɛ Awurade afi ne mu. |
7035 | JDG 19:9 | Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.” |
7054 | JDG 19:28 | Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie. |
7084 | JDG 20:28 | na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?” Awurade buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.” |
7282 | 1SA 3:4 | Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!” Samuel buae se, “Mini.” |
7288 | 1SA 3:10 | Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buae se, “Awurade kasa na wʼakoa retie.” |
7401 | 1SA 9:8 | Ɔsomfo no buaa no bio se, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram abiɛsa. Yebetumi de ama no, na yɛahwɛ nea ebesi.” |
7419 | 1SA 9:26 | Ade kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no se, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi wonam kwan so.” Enti Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu fii fie hɔ. |
7529 | 1SA 14:19 | Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.” |
7543 | 1SA 14:33 | Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.” Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. |
7578 | 1SA 15:16 | Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.” Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?” |
7802 | 1SA 22:12 | Wɔbae no, Saulo kae se, “Tie! Ahitub ba.” Obuae se, “Nana asɛm bɛn.” |
7830 | 1SA 23:17 | Yonatan hyɛɛ no den se, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabediakyiri, sɛnea mʼagya Saulo nim no.” |
8348 | 2SA 13:28 | Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.” |
8468 | 2SA 17:16 | Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.” |
8573 | 2SA 20:16 | Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.” |
8711 | 2SA 24:16 | Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye! Gyae.” Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. |
8756 | 1KI 1:36 | Yehoiada babarima Benaia gyee so se, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Nyankopɔn no mmara no mmra mu saa. |
8845 | 1KI 3:26 | Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!” Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!” |
9189 | 1KI 13:2 | Na ɔde Awurade nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea Awurade se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’ ” |
9333 | 1KI 17:13 | Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no. |
9388 | 1KI 18:44 | Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, “Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’ ” |
9498 | 1KI 22:15 | Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.” |
9567 | 2KI 2:12 | Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien. |
9593 | 2KI 3:13 | Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!” |
9847 | 2KI 11:14 | Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!” |
9889 | 2KI 13:14 | Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” |
10954 | 1CH 21:15 | Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. |
10963 | 1CH 21:24 | Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.” |
11286 | 2CH 5:13 | Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade sɛ: “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. |
11332 | 2CH 7:3 | Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se, “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” |
11561 | 2CH 18:14 | Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?” Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.” |
11674 | 2CH 23:13 | Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!” |
12503 | NEH 8:6 | Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam. |
12508 | NEH 8:11 | Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn. |
14451 | PSA 35:21 | Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw, yɛde yɛn ankasa ani ahu.” |
14564 | PSA 40:16 | Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. |
15029 | PSA 70:4 | Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. |
17387 | ECC 1:2 | “Ahuhude! Ahuhude!” Ɔsɛnkafo no na ose. “Ahuhude mu ahuhude Biribiara yɛ ahuhude.” |
17395 | ECC 1:10 | Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn. |
17842 | ISA 6:3 | Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!” |
17844 | ISA 6:5 | Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.” |
18250 | ISA 28:16 | Enti nea Otumfo Awurade se ni, “Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion, ɔbo a wɔasɔ ahwɛ, tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den; nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu. |
18983 | ISA 65:17 | “Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforo ne asase foforo. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso. |
19635 | JER 25:32 | Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw fi ɔman so kɔ ɔman foforo so; ahum kɛse bi rema ne ho so afi nsase ano.” |
19693 | JER 28:6 | Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. |
20189 | JER 48:40 | Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam. Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so. |
20276 | JER 50:41 | “Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba; ɔman kɛse ne ahemfo bebree, wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano. |
21430 | EZK 36:2 | Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ |
21901 | DAN 3:25 | Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!” |
22832 | HAB 2:15 | “Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa, Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow, na afei woahwɛ wɔn adagyaw. |
22974 | ZEC 2:10 | “Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ Awurade se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea Awurade se ni. |
23439 | MAT 8:25 | Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!” |
23776 | MAT 17:7 | Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!” |
23818 | MAT 18:22 | Yesu buaa no se, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason! |
24000 | MAT 23:13 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan. |
24002 | MAT 23:15 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no. |
24003 | MAT 23:16 | “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no. |
24010 | MAT 23:23 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no. |
24012 | MAT 23:25 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. |
24014 | MAT 23:27 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. |
24016 | MAT 23:29 | “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no nna so, |
24020 | MAT 23:33 | “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no? |
24188 | MAT 26:65 | Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! |
24269 | MAT 28:5 | Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, |
24274 | MAT 28:10 | Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.” |
24325 | MRK 1:41 | Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!” |
24395 | MRK 4:3 | “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no, |
24927 | MRK 15:32 | Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi. |
25022 | LUK 1:60 | Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.” |
25411 | LUK 9:41 | Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.” |
25518 | LUK 11:44 | “Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.” |
25521 | LUK 11:47 | “Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so. |
25602 | LUK 13:15 | Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? |
25979 | LUK 22:46 | Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” |
26287 | JHN 5:8 | Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.” |
26894 | JHN 18:40 | Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo. |
27289 | ACT 9:4 | ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?” |
27300 | ACT 9:15 | Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din. |
27635 | ACT 18:9 | Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, |
27813 | ACT 23:11 | Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.” |
27839 | ACT 24:2 | Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. |