Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   “Word.”    February 25, 2023 at 01:25    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

5  GEN 1:5  Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.
10  GEN 1:10  Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye.
440  GEN 18:15  Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.” Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.”
830  GEN 29:34  Lea san nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Afei de, me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Ɛno nti, ɔtoo no din Lewi a nkyerɛase ne “Ahofam.”
831  GEN 29:35  Lea san nyinsɛnee. Bere a ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Saa bere yi de, mɛkamfo Awurade.” Ɛno nti, ɔtoo no din Yuda, a ne nkyerɛase ne “Nkamfo.” Eyi akyi no, ɔhomee awo so.
839  GEN 30:8  Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”
844  GEN 30:13  Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”
849  GEN 30:18  Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.”
1563  EXO 2:8  Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae.
1850  EXO 12:33  Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.”
4344  NUM 21:3  Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”
4357  NUM 21:16  Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”
4406  NUM 22:30  Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?” Obuae se, “Dabi.”
6552  JDG 2:5  Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.
6877  JDG 12:6  wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.
7196  RUT 4:4  Misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa nnansefo yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no mprempren ara, efisɛ sɛ woantumi annye a, me ne onipa a midi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ migye.” Na ɔbarima no buae se, “Megye.”
7282  1SA 3:4  Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!” Samuel buae se, “Mini.”
7824  1SA 23:11  Merebisa sɛ, enti Keila mmarima beyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛnea mete no? Ao, Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ me.” Na Awurade buaa no se, “Ɔbɛba.”
8053  2SA 2:1  Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?” Awurade buaa no se, “Kɔ.” Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no se, “Hebron.”
8574  2SA 20:17  Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Obuae se, “Yiw.” Ɔkae se, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Obuae se, “Meretie.”
9425  1KI 20:14  Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ” Ahab bisae se, “Enti yenni kan ntow nhyɛ wɔn so ana?” Odiyifo no buae se, “Yiw.”
9812  2KI 10:15  Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?” Yehonadab buae se, “Yiw.” Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu.
12400  NEH 5:13  Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
14988  PSA 68:36  Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ; Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo. Ayeyi nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.”
20480  LAM 3:57  Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no, na wokae se, “Nsuro.”
22536  AMO 7:3  Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”
22936  HAG 2:12  Sɛ nam kronkron bi hyɛ obi atade mmuano mu, na sɛ ho kɔka brodo anaa abɔmu, nsa anaa ngo anaa aduan foforo bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron ana?’ ” Asɔfo no buae se: “Dabi.”
22937  HAG 2:13  Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?” Na asɔfo no buae se, “Yiw.”
23238  MAT 1:25  Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”
23659  MAT 13:51  “Mote ase?” Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.”
23962  MAT 22:21  Wobuaa se, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
24148  MAT 26:25  Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?” Yesu buaa no se, “Woaka.”
24588  MRK 8:19  Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?” Wɔkae se, “Dumien.”
24633  MRK 9:26  Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.”
25344  LUK 8:30  Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Dɔm.” Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma.
25855  LUK 20:7  Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”
26134  JHN 1:21  Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?” Obuaa wɔn se, “Dabi.” Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.
26521  JHN 9:12  Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” Obuaa wɔn se, “Minnim.”
26871  JHN 18:17  Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?” Petro buae se, “Dabi.”
26881  JHN 18:27  Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.
26972  JHN 21:5  Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi ana?” Wobuae se, “Dabi.”
26979  JHN 21:12  Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.
27402  ACT 11:26  Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”
30088  HEB 4:7  Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Nnɛ.” Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Nnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mummpirim mo koma.”
30433  JAS 5:12  Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.
30906  REV 8:11  Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.
31040  REV 16:17  Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.”