1628 | EXO 4:26 | Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.) |
2396 | EXO 30:13 | Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru yɛ gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.) |
5877 | JOS 2:6 | (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.) |
6119 | JOS 11:10 | Yosua san nʼakyi begyee Hasor kurow no fae, kum ɛhɔ hene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) |
6140 | JOS 12:8 | a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: |
6278 | JOS 17:1 | Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.) |
6285 | JOS 17:8 | (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso Tapua kurow no a ɛda Manase mantam no hye so no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) |
6286 | JOS 17:9 | Manase hye no fi Tapua asu no, nenam Kana suka atifi kosi Po Kɛse no. (Nkurow bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) |
6394 | JOS 21:11 | Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) |
6902 | JDG 13:16 | Awurade bɔfo no buae se, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, mutumi siesie ɔhyew afɔre sɛ afɔrebɔde de ma Awurade.” (Na Manoa anhu sɛ ɔyɛ Awurade bɔfo.) |
7059 | JDG 20:3 | (Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii. |
7402 | 1SA 9:9 | (Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.) |
7508 | 1SA 13:21 | (Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.) |
7513 | 1SA 14:3 | (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ. |
7528 | 1SA 14:18 | Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) |
8266 | 2SA 11:4 | Na Dawid tuu abɔfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie. |
8595 | 2SA 21:12 | ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.) |
9128 | 1KI 11:17 | Nanso Hadad ne nʼagya adehye ntuanofo no mu kakra guanee. (Saa bere no na Hadad yɛ abofra ketewa bi.) |
10333 | 1CH 2:23 | (Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo. |
11010 | 1CH 23:22 | (Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.) |
11114 | 1CH 26:32 | Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.) |
12093 | EZR 2:61 | Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) |
12488 | NEH 7:63 | Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.) |
12864 | EST 9:26 | (Ɛno nti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, efisɛ ɛyɛ tete kasa a ne nkyerɛase ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahu a wɔanya no nti, |
12869 | EST 9:31 | Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirihyiade a wodi no nnɛ yi ara no timii. Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛnea wɔasi no gyinae ama wɔn ho ne wɔn asefo no, de ama mmuadadi ne agyaadwotwa mmere no atim.) |
13629 | JOB 31:37 | Mebu mʼanammɔntu biara ho akontaa akyerɛ no; mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.) |
16657 | PRO 7:12 | nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.) |
19664 | JER 26:23 | Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.) |
19706 | JER 29:2 | (Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.) |
20710 | EZK 10:8 | (Na wohu biribi te sɛ onipa nsa wɔ kerubim no ntaban ase.) |
20993 | EZK 20:29 | Na mibisaa wɔn se: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de besi nnɛ.) |
21576 | EZK 40:30 | (Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten yɛ anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa.) |
22106 | DAN 11:1 | Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.) |
27011 | ACT 1:19 | Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a nkyerɛase ne, Mogya Asase.) |
31094 | REV 19:8 | Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.) |