|
10790 | Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). |