42 | GEN 2:11 | Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. |
241 | GEN 10:6 | Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan. |
249 | GEN 10:14 | Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi. |
260 | GEN 10:25 | Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan. |
283 | GEN 11:16 | Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. |
284 | GEN 11:17 | Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
285 | GEN 11:18 | Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. |
286 | GEN 11:19 | Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
326 | GEN 13:7 | Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so. |
340 | GEN 14:3 | Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. |
343 | GEN 14:6 | ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. |
381 | GEN 15:20 | Hetifo, Perisifo, Refaimfo, |
524 | GEN 21:10 | Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.” |
535 | GEN 21:21 | Bere a ɔte Paran sare so no, ne na kɔfaa ɔbea fi Misraim asase so de no brɛɛ no aware. |
536 | GEN 21:22 | Saa bere no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. |
546 | GEN 21:32 | Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so. |
570 | GEN 22:22 | Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.” |
679 | GEN 25:20 | Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea. |
719 | GEN 26:26 | Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. |
721 | GEN 26:28 | Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no |
776 | GEN 28:2 | Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako. |
779 | GEN 28:5 | Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima. |
780 | GEN 28:6 | Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.” |
781 | GEN 28:7 | Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram. |
892 | GEN 31:18 | Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. |
959 | GEN 32:31 | Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.” |
960 | GEN 32:32 | Yakob refi Penuel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahuan no nti, na ɔka ne nan mu. |
979 | GEN 33:18 | Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu. |
1011 | GEN 34:30 | Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.” |
1021 | GEN 35:9 | Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. |
1038 | GEN 35:26 | Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no. |
1080 | GEN 36:39 | Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea. |
1082 | GEN 36:41 | Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua, |
1120 | GEN 37:36 | Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin. |
1149 | GEN 38:29 | Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres. |
1151 | GEN 39:1 | Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam. |
1154 | GEN 39:4 | Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. |
1155 | GEN 39:5 | Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so. |
1156 | GEN 39:6 | Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara. Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye. |
1157 | GEN 39:7 | Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!” |
1160 | GEN 39:10 | Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda. |
1162 | GEN 39:12 | Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ. |
1163 | GEN 39:13 | Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, |
1166 | GEN 39:16 | Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. |
1169 | GEN 39:19 | Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. |
1170 | GEN 39:20 | Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no. Bere a Yosef da afiase hɔ no, |
1176 | GEN 40:3 | Enti ɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔwɛmfo panyin Potifar no fi, beae koro no ara a wɔde Yosef kɔtoo no. |
1177 | GEN 40:4 | Ɔwɛmfo panyin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ nea ehia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, |
1208 | GEN 41:12 | Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ. |
1241 | GEN 41:45 | Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa. |
1246 | GEN 41:50 | Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu. |
1396 | GEN 46:9 | Ruben nso mmabarima din na edidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. |
1399 | GEN 46:12 | Yuda nso mmabarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmabarima yɛ: Hesron ne Hamul. |
1400 | GEN 46:13 | Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. |
1402 | GEN 46:15 | Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa. |
1407 | GEN 46:20 | Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim. |
1459 | GEN 48:7 | Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.” |
1544 | EXO 1:11 | Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. |
1548 | EXO 1:15 | Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se, |
1582 | EXO 3:2 | Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew. |
1588 | EXO 3:8 | Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so. |
1597 | EXO 3:17 | Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’ |
1670 | EXO 6:14 | Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Eyinom na wɔwoo Ruben asefo. |
1681 | EXO 6:25 | Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano. |
1797 | EXO 10:19 | Awurade bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. |
1886 | EXO 13:18 | Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. |
1892 | EXO 14:2 | “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ. |
1899 | EXO 14:9 | Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim. |
1925 | EXO 15:4 | Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu. Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu. Misraim akofo atitiriw awuwu asorɔkye ase. |
1943 | EXO 15:22 | Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom. |
2168 | EXO 23:23 | Me bɔfo bedi mo anim de mo aba Amorifo, Hetifo, Perisifo, Kanaanfo, Hewifo ne Yebusifo asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. |
2176 | EXO 23:31 | “Mɛto mo ahye afi Po Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo mpoano, na mede afi sare a ɛwɔ anafo fam no so akosi Asu Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afi mo anim. |
2296 | EXO 28:2 | Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no. |
2334 | EXO 28:40 | Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn. |
2476 | EXO 33:2 | Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. |
2508 | EXO 34:11 | Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim. |
2519 | EXO 34:22 | “Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. |
3005 | LEV 11:7 | Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo. |
3615 | NUM 1:10 | Yosef mmabarima no: Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel; |
3618 | NUM 1:13 | Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel; |
3679 | NUM 2:20 | Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. |
3686 | NUM 2:27 | Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. |
3905 | NUM 7:54 | Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. |
3910 | NUM 7:59 | ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae. |
3923 | NUM 7:72 | Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. |
3928 | NUM 7:77 | ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae. |
4001 | NUM 10:12 | enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so. |
4012 | NUM 10:23 | Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; |
4015 | NUM 10:26 | Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, |
4076 | NUM 12:16 | Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so. |
4079 | NUM 13:3 | Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so. |
4085 | NUM 13:9 | Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti; |
4102 | NUM 13:26 | Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe. |
4105 | NUM 13:29 | Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.” |
4134 | NUM 14:25 | Esiane sɛ Amalekfo na Kanaanfo tete abon mu no nti, ɔkyena, momfa mo ani nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no nkɔ sare no so.” |
4196 | NUM 16:1 | Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmabarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no fi Ruben abusuakuw mu no yɛɛ ahomaso |
4345 | NUM 21:4 | Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui; |
4361 | NUM 21:20 | na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no. |