Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   R    February 11, 2023 at 17:52    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

238  GEN 10:3  Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma.
239  GEN 10:4  Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
242  GEN 10:7  Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan.
246  GEN 10:11  Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
247  GEN 10:12  Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.
285  GEN 11:18  Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu.
286  GEN 11:19  Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
287  GEN 11:20  Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug.
288  GEN 11:21  Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
342  GEN 14:5  Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim
359  GEN 14:22  Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se,
381  GEN 15:20  Hetifo, Perisifo, Refaimfo,
395  GEN 16:13  Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no.
396  GEN 16:14  Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
571  GEN 22:23  Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.
572  GEN 22:24  Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.
607  GEN 24:15  Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.
608  GEN 24:16  Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.
609  GEN 24:17  Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”
611  GEN 24:19  Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.”
612  GEN 24:20  Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae.
613  GEN 24:21  Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.
616  GEN 24:24  Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”
620  GEN 24:28  Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo.
621  GEN 24:29  Na Rebeka nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.
622  GEN 24:30  Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so.
637  GEN 24:45  “Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’
639  GEN 24:47  “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa.
643  GEN 24:51  Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
645  GEN 24:53  Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ.
647  GEN 24:55  Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”
650  GEN 24:58  Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”
651  GEN 24:59  Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan.
652  GEN 24:60  Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
653  GEN 24:61  Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.
654  GEN 24:62  Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.
656  GEN 24:64  Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so,
657  GEN 24:65  bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?” Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.
659  GEN 24:67  Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.
670  GEN 25:11  Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
679  GEN 25:20  Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka Aramni Laban nuabea.
680  GEN 25:21  Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee.
681  GEN 25:22  Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ.
683  GEN 25:24  Rebeka awo duu so no, ɔwoo ntaten.
685  GEN 25:26  Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.
687  GEN 25:28  Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.
700  GEN 26:7  Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom mmarima akum no.
701  GEN 26:8  Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho.
715  GEN 26:22  Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.”
728  GEN 26:35  Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho.
733  GEN 27:5  Bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti bere a Esau kɔɔ sɛ ɔrekokum nam no aba pɛ, na
734  GEN 27:6  Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se,
739  GEN 27:11  Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se, “Wunim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ trontrom.
742  GEN 27:14  Enti Yakob tiee ne na Rebeka asɛm, kɔkyeree nguan no brɛɛ no. Na okum wɔn, de noaa akɔnnɔduan bi, sɛnea Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ.
743  GEN 27:15  Ɛno akyi no, Rebeka faa ne ba panyin Esau atade papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛe.
770  GEN 27:42  Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
774  GEN 27:46  Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.”
776  GEN 28:2  Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako.
779  GEN 28:5  Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
802  GEN 29:6  Na Yakob bisaa wɔn se, “Na ne ho te dɛn?” Wobuaa no se, “Ne ho ye. Na ne babea Rahel koraa na ɔne ne nguan reba yi.”
805  GEN 29:9  Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ oguanhwɛfo no de nʼagya nguan baa hɔ.
806  GEN 29:10  Bere a Yakob huu ne na nuabarima Laban babea Rahel ne ne wɔfa Laban nguan no, okopirew ɔbo no fii abura no ano. Afei, wɔmaa nguan no nsu nomee.
807  GEN 29:11  Afei, Yakob few Rahel ano, na osui.
808  GEN 29:12  Na Yakob aka akyerɛ Rahel se, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsan yɛ nʼagya Laban no nuabea Rebeka babarima. Enti Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.
809  GEN 29:13  Laban tee ne nuabea Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, few nʼano, de no baa ne fi maa Yakob bɔɔ no nʼanantese.
812  GEN 29:16  Na Laban wɔ mmabea baanu. Na ɔpanyin no din de Lea na akumaa no nso de Rahel.
813  GEN 29:17  Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, na Rahel yɛ ɔbea fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yiye.
814  GEN 29:18  Na Yakob dɔ Rahel aware kwan so, nti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban se, “Sɛ wode wo babea kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfe ason.”
816  GEN 29:20  Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel nti, ɔsom Laban mfe ason, na wanhu koraa sɛ wasom akyɛ saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.
817  GEN 29:21  Yakob som wiee no, ɔka kyerɛɛ Laban se, “Masom awie nti, fa Rahel ma me na menware no.”
821  GEN 29:25  Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?”
823  GEN 29:27  Ma Lea nni nnaawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnaawɔtwe no akyi no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasan asom mfirihyia ason bio, na mede no ama wo aware.”
824  GEN 29:28  Yakob penee so ne Lea tenaa nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, ɔsom mfe ason ansa na Laban de ne babea Rahel nso maa no waree.
825  GEN 29:29  Laban de nʼafenaa Bilha nso maa ne babea Rahel sɛ ɔnkɔsom no.
826  GEN 29:30  Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sen Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, som no mfirihyia ason bio sɛnea ɔne no hyehyɛe no.
827  GEN 29:31  Awurade huu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, obuee ne yafunu mu, nanso Rahel de, na ɔnwo.
828  GEN 29:32  Lea nyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Ruben a nkyerɛase ne “Awurade ahu mmɔbɔ a meyɛ.” Na Lea kae se, “Awurade ahu me mmɔbɔ. Nokware, afei na me kunu ani begye me ho.”
832  GEN 30:1  Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!”
833  GEN 30:2  Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”
834  GEN 30:3  Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”
835  GEN 30:4  Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae.
837  GEN 30:6  Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”
838  GEN 30:7  Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.
839  GEN 30:8  Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”
845  GEN 30:14  Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”
846  GEN 30:15  Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
853  GEN 30:22  Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano.
854  GEN 30:23  Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.”
855  GEN 30:24  Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”
856  GEN 30:25  Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ.
878  GEN 31:4  Enti Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea se wɔmmra ne nkyɛn wɔ sare no so, faako a ɔne ne nguankuw no wɔ no.
888  GEN 31:14  Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana?
893  GEN 31:19  Bere a Laban kɔɔ wuram ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kowiaa nʼagya fi abosom.
906  GEN 31:32  Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
907  GEN 31:33  Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu.
908  GEN 31:34  Na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no agua ase, atena so. Enti Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntamadan no nyinaa mu, nanso wanhu abosom no.
909  GEN 31:35  Rahel ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya, mma wo bo mfuw me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mennsɔre nnyina hɔ, makɔ afikyiri.” Enti Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhu.
962  GEN 33:1  Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no.