| 42 | GEN 2:11 | Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. |
| 82 | GEN 4:2 | Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. |
| 84 | GEN 4:4 | Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no. |
| 88 | GEN 4:8 | Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no. |
| 89 | GEN 4:9 | Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?” |
| 98 | GEN 4:18 | Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. |
| 99 | GEN 4:19 | Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila. |
| 100 | GEN 4:20 | Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa. |
| 101 | GEN 4:21 | Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo. |
| 102 | GEN 4:22 | Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama. |
| 103 | GEN 4:23 | Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me. |
| 105 | GEN 4:25 | Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.” |
| 118 | GEN 5:12 | Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel. |
| 119 | GEN 5:13 | Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
| 121 | GEN 5:15 | Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared. |
| 122 | GEN 5:16 | Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
| 123 | GEN 5:17 | Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu. |
| 127 | GEN 5:21 | Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela. |
| 128 | GEN 5:22 | Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
| 131 | GEN 5:25 | Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek. |
| 132 | GEN 5:26 | Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho. |
| 133 | GEN 5:27 | Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu. |
| 237 | GEN 10:2 | Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. |
| 239 | GEN 10:4 | Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. |
| 242 | GEN 10:7 | Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan. |
| 245 | GEN 10:10 | Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so. |
| 246 | GEN 10:11 | Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne |
| 247 | GEN 10:12 | Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu. |
| 249 | GEN 10:14 | Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi. |
| 257 | GEN 10:22 | Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. |
| 258 | GEN 10:23 | Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas. |
| 259 | GEN 10:24 | Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. |
| 260 | GEN 10:25 | Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan. |
| 261 | GEN 10:26 | Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, |
| 262 | GEN 10:27 | Hadoram, Usal, Dikla, |
| 263 | GEN 10:28 | Obal, Abimael, Seba, |
| 264 | GEN 10:29 | Ofir, Hawila ne Yobab. |
| 269 | GEN 11:2 | Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ. |
| 276 | GEN 11:9 | Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa. |
| 279 | GEN 11:12 | Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela. |
| 280 | GEN 11:13 | Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
| 281 | GEN 11:14 | Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber. |
| 282 | GEN 11:15 | Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
| 283 | GEN 11:16 | Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. |
| 284 | GEN 11:17 | Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
| 285 | GEN 11:18 | Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. |
| 286 | GEN 11:19 | Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. |
| 295 | GEN 11:28 | Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. |
| 296 | GEN 11:29 | Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. |
| 298 | GEN 11:31 | Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ. |
| 307 | GEN 12:8 | Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. |
| 322 | GEN 13:3 | Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. |
| 338 | GEN 14:1 | Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so, |
| 339 | GEN 14:2 | na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. |
| 340 | GEN 14:3 | Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. |
| 341 | GEN 14:4 | Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua. |
| 342 | GEN 14:5 | Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim |
| 343 | GEN 14:6 | ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. |
| 344 | GEN 14:7 | Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa. |
| 345 | GEN 14:8 | Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ |
| 346 | GEN 14:9 | saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu. |
| 350 | GEN 14:13 | Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. |
| 354 | GEN 14:17 | Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu. |
| 355 | GEN 14:18 | Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, |
| 357 | GEN 14:20 | Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako. |
| 361 | GEN 14:24 | Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.” |
| 363 | GEN 15:2 | Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?” |
| 368 | GEN 15:7 | Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.” |
| 393 | GEN 16:11 | Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu. |
| 395 | GEN 16:13 | Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no. |
| 397 | GEN 16:15 | Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael. |
| 398 | GEN 16:16 | Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia. |
| 416 | GEN 17:18 | Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!” |
| 418 | GEN 17:20 | Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. |
| 421 | GEN 17:23 | Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. |
| 423 | GEN 17:25 | Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa. |
| 424 | GEN 17:26 | Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. |
| 498 | GEN 20:2 | Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi. |
| 499 | GEN 20:3 | Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.” |
| 500 | GEN 20:4 | Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? |
| 502 | GEN 20:6 | Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. |
| 504 | GEN 20:8 | Ade kyee anɔpatutuutu no, Abimelek frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisi no ho amanneɛ. Na wosuroo yiye. |