18547 | ISA 41:26 | Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu, anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’? Obiara anka eyi, obiara anni kan anka, obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn. |
18640 | ISA 45:9 | “Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu. Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ Wʼadwuma betumi abisa wo se ‘Wunni nsa’? |
19057 | JER 2:23 | “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ; minnii Baalnom akyi ɛ’? Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu; dwene nea woayɛ no ho. Woyɛ yomabere hoɔharefo a wutu mmirika kɔ ha ba ha, |
20163 | JER 48:14 | “Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima, mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’? |