Wildebeest analysis examples for:   aka-aka   Word’    February 11, 2023 at 17:52    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

73  GEN 3:17  Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so wo nkwanna nyinaa.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
606  GEN 24:14  Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”
882  GEN 31:8  Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee.
1593  EXO 3:13  Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”
2083  EXO 21:5  “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ’ a,
5918  JOS 4:6  na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a,
6794  JDG 9:38  Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”
7519  1SA 14:9  Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn.
7520  1SA 14:10  Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
7754  1SA 20:22  Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛno de, na ɛsɛ sɛ wokɔ, efisɛ Awurade na ose kɔ.
7846  1SA 24:5  Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a Awurade kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano.
8133  2SA 4:10  Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.
8143  2SA 5:8  Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
8418  2SA 15:26  Nanso sɛ ɔka se, ‘Mʼani nnye wo ho’ a mepɛ, ma ɔmfa me mfa ɔkwan a onim sɛ eye ma no no so.”
10058  2KI 18:30  Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
13278  JOB 17:14  sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,
13308  JOB 19:7  “Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me; meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.
17881  ISA 8:4  Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
18415  ISA 36:15  Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
18567  ISA 42:17  Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.”
18974  ISA 65:8  Sɛɛ na Awurade se: “Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu, na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no, efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
19146  JER 5:19  Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’
19172  JER 6:14  Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’ wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
19334  JER 12:16  Na sɛ wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwɔ mu sɛ mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim wɔ me nkurɔfo mu.
19386  JER 15:2  Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se: “ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu; wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’
19415  JER 16:10  “Sɛ woka eyinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wobisa wo se, ‘Adɛn nti na Awurade abɔ atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu sɛɛ atia yɛn? Dɛn mfomso na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Nyankopɔn’ a,
19587  JER 23:34  Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso.
19589  JER 23:36  Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu.
19591  JER 23:38  Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio.
19680  JER 27:15  ‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ose. ‘Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Enti mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”
19691  JER 28:4  Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”
19868  JER 33:24  “Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘Awurade apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.
19962  JER 37:19  Ɛhe na wʼadiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo se, ‘Babiloniahene rentow nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ?
20589  EZK 3:18  Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Ampa ara wubewu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfi nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumɔyɛfo no bewu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
22081  DAN 9:24  “ ‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.
22173  HOS 2:1  “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’
22175  HOS 2:3  “Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”
22190  HOS 2:18  “Saa da no,” sɛɛ na Awurade se, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
22197  HOS 2:25  Mede Israel bedua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no. Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se ‘moyɛ me nkurɔfo,’ na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”
22345  HOS 13:10  Wo hene wɔ he na wabegye wo? Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, wɔn a wokaa faa wɔn ho se, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
22354  HOS 14:4  Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofo apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”
22621  JON 2:5  Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
22675  MIC 2:11  Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”
22947  HAG 2:23  “ ‘Da no’ Asafo Awurade na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”
23406  MAT 7:21  “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.
23453  MAT 9:5  Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mede bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?’ ”
23565  MAT 12:7  Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ.
23707  MAT 15:5  Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
23911  MAT 21:16  Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?” Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se, “ ‘Mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”
23920  MAT 21:25  Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?” Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni?
23921  MAT 21:26  Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
24005  MAT 23:18  Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’
24041  MAT 24:15  “Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,
24049  MAT 24:23  Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.
24539  MRK 7:7  Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ yɛ nokware turodoo!
24542  MRK 7:10  Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo. Ɔkae se, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no.’
24807  MRK 13:21  Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua.
24904  MRK 15:9  Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?”
25272  LUK 7:8  Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”
25573  LUK 12:45  Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfo yi nso ka se, ‘Me wura nnya mmae’ na ɛno nti, ɔhwe asomfo a wɔaka no, na odidi, nom nsa bow a,
25831  LUK 19:31  Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”
25865  LUK 20:17  Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se, “ ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?
25903  LUK 21:8  Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
25970  LUK 22:37  Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
26067  LUK 24:7  ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?”
26433  JHN 7:36  Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”
26586  JHN 10:36  adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm?
26717  JHN 13:18  “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu.
26746  JHN 14:9  Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?
26765  JHN 14:28  “Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn.
26793  JHN 15:25  Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
26813  JHN 16:18  Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”
26915  JHN 19:21  Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’ ”
27392  ACT 11:16  Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
27620  ACT 17:28  sɛnea obi ka se, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no. Saa ara na mo nnwontofo bi nso aka se, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.
28249  ROM 9:26  na “Beae koro no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn se ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’ ”
30809  REV 2:24  Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so.