102 | GEN 4:22 | Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama. |
246 | GEN 10:11 | Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne |
307 | GEN 12:8 | Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. |
322 | GEN 13:3 | Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. |
342 | GEN 14:5 | Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim |
343 | GEN 14:6 | ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. |
344 | GEN 14:7 | Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa. |
395 | GEN 16:13 | Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no. |
396 | GEN 16:14 | Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ. |
496 | GEN 19:38 | Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de besi nnɛ. |
528 | GEN 21:14 | Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ. |
545 | GEN 21:31 | Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no Beer-Seba, a ase ne Ntanka Abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no. |
546 | GEN 21:32 | Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so. |
547 | GEN 21:33 | Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa. |
567 | GEN 22:19 | Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ. |
574 | GEN 23:2 | Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. |
654 | GEN 24:62 | Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. |
670 | GEN 25:11 | Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no. |
679 | GEN 25:20 | Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea. |
716 | GEN 26:23 | Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba. |
726 | GEN 26:33 | Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara. |
776 | GEN 28:2 | Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako. |
779 | GEN 28:5 | Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima. |
780 | GEN 28:6 | Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.” |
781 | GEN 28:7 | Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram. |
784 | GEN 28:10 | Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. |
793 | GEN 28:19 | Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus. |
887 | GEN 31:13 | Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ” |
892 | GEN 31:18 | Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. |
921 | GEN 31:47 | Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara. |
922 | GEN 31:48 | Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. |
979 | GEN 33:18 | Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu. |
981 | GEN 33:20 | Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka. |
1013 | GEN 35:1 | Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.” |
1015 | GEN 35:3 | Ɔtoaa so se, “Yɛrebetu kwan akɔ Bet-El. Na sɛ yedu hɔ a, yebesi afɔremuka ama Onyankopɔn a otiee me mpaebɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantu mu no.” |
1018 | GEN 35:6 | Yakob ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no beduu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no. |
1019 | GEN 35:7 | Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no. |
1020 | GEN 35:8 | Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum. |
1021 | GEN 35:9 | Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. |
1027 | GEN 35:15 | Yakob too beae a Onyankopɔn ne no kasae no Bet-El, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn fi. |
1028 | GEN 35:16 | Yakob ne ne fifo sii mu fii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awo kaa Rahel wɔ akwantemfi. |
1030 | GEN 35:18 | Nanso Rahel koo awo tɔe. Na bere a ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo ne babarima a wawo no no din Ben-Oni, a ne nkyerɛase ne Mʼawerɛhow Mu Ba. “Nanso nʼagya san too no din Benyamin a, ne nkyerɛase ne Me dɔba.” |
1038 | GEN 35:26 | Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no. |
1039 | GEN 35:27 | Akyiri yi no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, faako a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔho no. |
1079 | GEN 36:38 | Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene. |
1080 | GEN 36:39 | Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea. |
1241 | GEN 41:45 | Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa. |
1388 | GEN 46:1 | Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ. |
1392 | GEN 46:5 | Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu. |
1402 | GEN 46:15 | Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa. |
1459 | GEN 48:7 | Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.” |
1518 | GEN 50:11 | Bere a Kanaanfo a na wɔte asase no so huu sɛnea wosi yɛɛ ayi no wɔ Atad no, wɔkae se, “Eyi yɛ ayi kɛse bi a Misraimfo ayɛ.” Ɛno nti, Kanaanfo a wɔte asase no so no too hɔ din Abel-Misraim, a ne nkyerɛase ne Misraimfo reyɛ ayi kɛse. |
1892 | EXO 14:2 | “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ. |
1899 | EXO 14:9 | Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim. |
4059 | NUM 11:34 | Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ. |
4060 | NUM 11:35 | Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot. |
4352 | NUM 21:11 | Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam. |
4415 | NUM 22:39 | Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. |
4417 | NUM 22:41 | Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ. |
4728 | NUM 32:8 | Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no. |
4755 | NUM 32:35 | Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, |
4756 | NUM 32:36 | Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan wɔ mu yiye. |
4758 | NUM 32:38 | Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din. |
4769 | NUM 33:7 | Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol. |
4778 | NUM 33:16 | Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa. |
4779 | NUM 33:17 | Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot. |
4797 | NUM 33:35 | Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber. |
4798 | NUM 33:36 | Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so. |
4806 | NUM 33:44 | Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ. |
4811 | NUM 33:49 | Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no. |
4822 | NUM 34:4 | Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafo hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafo pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na efi hɔ akosi Hasarada de akowie Asmon. |
4827 | NUM 34:9 | na atoa so akɔ Sifron na akowie wɔ Hasar-Enan. |
4828 | NUM 34:10 | Apuei hye no befi Hasar-Enan akɔ Sefam. |
4895 | DEU 1:1 | Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no. |
4896 | DEU 1:2 | Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan. |
4913 | DEU 1:19 | Na sɛnea Awurade hyɛɛ yɛn no, yefii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifo bepɔw a yɛnam sare pradada a moahu no so koduu Kades-Barnea. |
4948 | DEU 2:8 | Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so. |
4954 | DEU 2:14 | Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-Barnea besii sɛ yetwaa Sered bon no yɛ mfirihyia aduasa awotwe. Saa bere no, na mmarima a wɔanyinyin yiye a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ sare no so sɛnea Awurade kaa ho ntam no. |
4991 | DEU 3:14 | Manase aseni bi a wɔfrɛ no Yair faa Argob mantam no nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de besi nnɛ. |
5006 | DEU 3:29 | Ɛno nti, yɛtenaa subon a ɛbɛn Bet-Peor no mu. |
5009 | DEU 4:3 | Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no. |
5052 | DEU 4:46 | bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no. |
5181 | DEU 9:22 | Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. |
5182 | DEU 9:23 | Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. |
5194 | DEU 10:6 | Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo. |
5847 | DEU 34:6 | Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ. |
5980 | JOS 7:2 | Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no. |
6013 | JOS 8:9 | Enti wofii hɔ anadwo no kɔtɛw Bet-El ne Ai atɔe fam ntam. Nanso, Yosua de, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenae hɔ anadwo no. |
6016 | JOS 8:12 | Anadwo no, Yosua somaa asraafo mpem anum sɛ wɔnkɔtɛw Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔe fam. |
6021 | JOS 8:17 | Anka obiara wɔ Ai anaa Bet-el a wankɔtaa Israelfo, na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ. |
6056 | JOS 9:17 | Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. |
6067 | JOS 10:1 | Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako. |
6069 | JOS 10:3 | Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se, |
6076 | JOS 10:10 | Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda. |
6077 | JOS 10:11 | Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no. |
6107 | JOS 10:41 | Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen koduu Gibeon. |
6117 | JOS 11:8 | Na Awurade ma wodii wɔn atamfo no so nkonim. Israelfo no taa wɔn ara kosii Sidon Kɛse ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bon no mu wɔ apuei fam, kosii sɛ atamfo no akofo baako mpo anka. |
6126 | JOS 11:17 | Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ nea efi Halak bepɔw a ekosi Seir wɔ atifi fam toa so kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔw Hermon ase wɔ Lebanon bon mu. Yosua kunkum nsase no so ahemfo nyinaa, |
6135 | JOS 12:3 | Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase. |
6139 | JOS 12:7 | Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, |