57 | GEN 3:1 | Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ” |
59 | GEN 3:3 | nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ” |
509 | GEN 20:13 | Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.’ ” |
702 | GEN 26:9 | Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.” |
887 | GEN 31:13 | Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ” |
934 | GEN 32:6 | Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.’ ” |
941 | GEN 32:13 | Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.’ ” |
947 | GEN 32:19 | Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.’ ” |
949 | GEN 32:21 | ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’ ” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.” |
1101 | GEN 37:17 | Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ” Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. |
1142 | GEN 38:22 | Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo biara nni ha.’ ” |
1287 | GEN 42:34 | Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ” |
1296 | GEN 43:5 | Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.’ ” |
1298 | GEN 43:7 | Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ” |
1330 | GEN 44:5 | Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’ ” |
1379 | GEN 45:20 | Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ” |
1472 | GEN 48:20 | Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se, “Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ” Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim. |
1512 | GEN 50:5 | ‘Mʼagya ma mekaa ntam,’ na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.’ ” |
1594 | EXO 3:14 | Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Mene Nea Mene na wasoma me mo nkyɛn.’ ” |
1595 | EXO 3:15 | Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so. |
1603 | EXO 4:1 | Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ” |
1625 | EXO 4:23 | na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ” |
1634 | EXO 5:1 | Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ” |
1664 | EXO 6:8 | Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’ ” |
1704 | EXO 7:18 | Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.’ ” |
1715 | EXO 7:29 | Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ ” |
1727 | EXO 8:12 | Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ ” |
1733 | EXO 8:18 | “ ‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so. |
1734 | EXO 8:19 | Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’ ” |
1784 | EXO 10:6 | Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’ ” Na Mose fii Farao anim kɔe. |
1844 | EXO 12:27 | mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ ” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree. |
1960 | EXO 16:12 | “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’ ” |
1971 | EXO 16:23 | Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’ ” |
2050 | EXO 19:23 | Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’ ” |
2076 | EXO 20:24 | “ ‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo. |
2416 | EXO 30:33 | Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’ ” |
2435 | EXO 31:14 | “ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. |
2438 | EXO 31:17 | Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ” |
2447 | EXO 32:8 | na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ” |
2452 | EXO 32:13 | Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’ ” |
2466 | EXO 32:27 | Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’ ” |
2749 | LEV 1:3 | “ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no. |
2756 | LEV 1:10 | “ ‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. |
2760 | LEV 1:14 | “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma. |
2764 | LEV 2:1 | “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra |
2767 | LEV 2:4 | “ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye. |
2774 | LEV 2:11 | “ ‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu. |
2777 | LEV 2:14 | “ ‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade. |
2780 | LEV 3:1 | “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara. |
2785 | LEV 3:6 | “ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere. |
2791 | LEV 3:12 | “ ‘Sɛ wode abirekyi brɛ Awurade sɛ wʼafɔrebɔde a, |
2796 | LEV 3:17 | “ ‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’ ” |
2799 | LEV 4:3 | “ ‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade. |
2809 | LEV 4:13 | “ ‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ. |
2818 | LEV 4:22 | “ ‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako |
2823 | LEV 4:27 | “ ‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ. |
2828 | LEV 4:32 | “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho. |
2832 | LEV 5:1 | “ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a onim ho biribi ho hwee no di ho fɔ. |
2833 | LEV 5:2 | “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu, |
2838 | LEV 5:7 | “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde. |
2842 | LEV 5:11 | “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre. |
2844 | LEV 5:13 | Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’ ” |
2864 | LEV 6:7 | “ ‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade. |
2868 | LEV 6:11 | Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’ ” |
2881 | LEV 7:1 | “ ‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni: |
2887 | LEV 7:7 | “ ‘Amanne koro no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔre ne afɔdi afɔre no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔyɛɛ mpata maa wɔn no de. |
2891 | LEV 7:11 | “ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni: |
2892 | LEV 7:12 | “ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho. |
2896 | LEV 7:16 | “ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we. |
2899 | LEV 7:19 | “ ‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe. |
2901 | LEV 7:21 | Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’ ” |
2953 | LEV 8:35 | Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a Awurade aka.’ ” |
2981 | LEV 10:3 | Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se, “ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ wɔn a wɔba me nkyɛn; wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no, na nea ɔrekyerɛ nen.’” Na asɛm no tɔɔ Aaron mum. |
3002 | LEV 11:4 | “ ‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. |
3007 | LEV 11:9 | “ ‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu. |
3011 | LEV 11:13 | “ ‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri, |
3018 | LEV 11:20 | “ ‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe. |
3022 | LEV 11:24 | “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere. |
3024 | LEV 11:26 | “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi. |
3027 | LEV 11:29 | “ ‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso, |
3037 | LEV 11:39 | “ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere. |
3039 | LEV 11:41 | “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam. |
3044 | LEV 11:46 | “ ‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. |
3045 | LEV 11:47 | Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ” |
3051 | LEV 12:6 | “ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no. |
3052 | LEV 12:7 | Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. “ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde. |
3053 | LEV 12:8 | Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ” |
3173 | LEV 15:4 | “ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi. |
3176 | LEV 15:7 | “ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no. |
3177 | LEV 15:8 | “ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare. |
3178 | LEV 15:9 | “ ‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. |
3180 | LEV 15:11 | “ ‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere. |
3181 | LEV 15:12 | “ ‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho. |
3182 | LEV 15:13 | “ ‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu. |
3185 | LEV 15:16 | “ ‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere. |
3188 | LEV 15:19 | “ ‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere. |
3189 | LEV 15:20 | “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi. |
3193 | LEV 15:24 | “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi. |
3194 | LEV 15:25 | “ ‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm, |
3197 | LEV 15:28 | “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio. |