1112 | GEN 37:28 | Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe (228) ma wɔde no kɔɔ Misraim. |
2110 | EXO 21:32 | Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (342) abien, na wɔasiw nantwi no abo. |
2663 | EXO 38:29 | Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan (2,400). |
3576 | LEV 27:5 | abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). |
3640 | NUM 1:35 | Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200). |
3644 | NUM 1:39 | Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700). |
3680 | NUM 2:21 | Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200). |
3685 | NUM 2:26 | Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700). |
3727 | NUM 3:34 | Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu (6,200). |
3732 | NUM 3:39 | Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien (22,000). |
3736 | NUM 3:43 | Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273). |
4481 | NUM 25:9 | nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan (24,000) awuwu dedaw. |
4505 | NUM 26:14 | Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200). |
4525 | NUM 26:34 | Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700). |
4528 | NUM 26:37 | Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500). Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo. |
4553 | NUM 26:62 | Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi. |
4699 | NUM 31:33 | anantwi mpem aduɔson abien (72,000); |
4701 | NUM 31:35 | ne mmeawa mpem aduasa abien (32,000). |
4704 | NUM 31:38 | Anantwi mpem aduasa asia (36,000) a wɔde mu aduɔson abien (72) som Awurade; |
4706 | NUM 31:40 | mmeawa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa abien (32) som Awurade. |
8892 | 1KI 5:25 | na Salomo maa Huram fifo atoko tɔn 3,600 ne ngo kronkron galɔn 120,000. |
10541 | 1CH 7:2 | Tola mmabarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600). |
10546 | 1CH 7:7 | Na Bela mmabarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu. |
10548 | 1CH 7:9 | Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo. |
10550 | 1CH 7:11 | Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200). |
10579 | 1CH 7:40 | Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo. |
10641 | 1CH 9:22 | Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien (212) a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo. |
10755 | 1CH 12:31 | Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu. |
10760 | 1CH 12:36 | Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. |
10762 | 1CH 12:38 | Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa. |
10802 | 1CH 15:6 | Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano. |
10804 | 1CH 15:8 | Na Elisafan asefo yɛ ahannu (200) a Semaia da wɔn ano. |
10806 | 1CH 15:10 | Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien (112) a Aminadab tua wɔn ano. |
11060 | 1CH 25:9 | Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11061 | 1CH 25:10 | Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11062 | 1CH 25:11 | Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11063 | 1CH 25:12 | Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11064 | 1CH 25:13 | Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11065 | 1CH 25:14 | Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11066 | 1CH 25:15 | Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11067 | 1CH 25:16 | Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11068 | 1CH 25:17 | Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11069 | 1CH 25:18 | Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11070 | 1CH 25:19 | Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11071 | 1CH 25:20 | Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11072 | 1CH 25:21 | Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11073 | 1CH 25:22 | Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11074 | 1CH 25:23 | Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11075 | 1CH 25:24 | Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11076 | 1CH 25:25 | Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11077 | 1CH 25:26 | Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11078 | 1CH 25:27 | Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11079 | 1CH 25:28 | Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11080 | 1CH 25:29 | Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11081 | 1CH 25:30 | Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11082 | 1CH 25:31 | Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) |
11090 | 1CH 26:8 | Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn. |
11115 | 1CH 27:1 | Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi. |
11116 | 1CH 27:2 | Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11118 | 1CH 27:4 | Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri. |
11119 | 1CH 27:5 | Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11121 | 1CH 27:7 | Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade. |
11122 | 1CH 27:8 | Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11123 | 1CH 27:9 | Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11124 | 1CH 27:10 | Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11125 | 1CH 27:11 | Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11126 | 1CH 27:12 | Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11127 | 1CH 27:13 | Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11128 | 1CH 27:14 | Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11129 | 1CH 27:15 | Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). |
11543 | 2CH 17:15 | Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe (280,000) so. |
11544 | 2CH 17:16 | Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu (200,000) so sahene. |
11545 | 2CH 17:17 | Benyamin abusua asraafodɔm no, na wɔn dodow yɛ mpem ahannu (200,000) a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ. |
12030 | EZR 1:9 | Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe: sikakɔkɔɔ nsiase 30 dwetɛ nsiase 1,000 dwetɛ ɔhyewsɛn 29 |
12035 | EZR 2:3 | Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172 |
12036 | EZR 2:4 | Sefatia asefo 372 |
12038 | EZR 2:6 | Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812 |
12039 | EZR 2:7 | Elam asefo 1,254 |
12042 | EZR 2:10 | Bani asefo dodow yɛ 642 |
12043 | EZR 2:11 | Bebai asefo dodow yɛ 623 |
12044 | EZR 2:12 | Asgad asefo dodow yɛ 1,222 |
12046 | EZR 2:14 | Bigwai asefo dodow yɛ 2,056 |
12049 | EZR 2:17 | Besai asefo dodow yɛ 323 |
12050 | EZR 2:18 | Yora asefo dodow yɛ 112 |
12051 | EZR 2:19 | Hasum asefo dodow yɛ 223 |
12053 | EZR 2:21 | Betlehemfo dodow yɛ 123 |
12055 | EZR 2:23 | Anatotfo dodow yɛ 128 |
12056 | EZR 2:24 | Asmawetfo dodow yɛ 42 |
12058 | EZR 2:26 | Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621 |
12059 | EZR 2:27 | Mikmasfo dodow yɛ 122 |
12060 | EZR 2:28 | Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223 |
12061 | EZR 2:29 | Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52 |
12063 | EZR 2:31 | Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254 |