44 | GEN 2:13 | Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa. |
237 | GEN 10:2 | Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. |
238 | GEN 10:3 | Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma. |
251 | GEN 10:16 | Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, |
254 | GEN 10:19 | Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa. |
258 | GEN 10:23 | Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas. |
329 | GEN 13:10 | Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ. |
338 | GEN 14:1 | Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so, |
339 | GEN 14:2 | na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. |
340 | GEN 14:3 | Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. |
345 | GEN 14:8 | Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ |
346 | GEN 14:9 | saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu. |
347 | GEN 14:10 | Na nkomoa pii wɔ Sidim Bon no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene asraafo no reguan no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomoa no mu, na nkae no nso guan kɔɔ mmepɔw a na ɛwɔ hɔ no so. |
348 | GEN 14:11 | Ahemfo baanan a wodii nkonim no fom Sodom ne Gomorafo ahode ne wɔn nnuan nyinaa de kɔe. |
350 | GEN 14:13 | Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. |
374 | GEN 15:13 | Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. |
382 | GEN 15:21 | Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.” |
445 | GEN 18:20 | Afei, Awurade kae se, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. |
482 | GEN 19:24 | Afei, Awurade maa sufre ne ogya tɔ fii soro, guu Sodom ne Gomora so. |
486 | GEN 19:28 | Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu. |
497 | GEN 20:1 | Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. |
498 | GEN 20:2 | Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi. |
572 | GEN 22:24 | Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka. |
694 | GEN 26:1 | Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. |
699 | GEN 26:6 | Enti Isak tenaa Gerar. |
700 | GEN 26:7 | Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no. |
710 | GEN 26:17 | Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae. |
712 | GEN 26:19 | Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn. |
713 | GEN 26:20 | Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura. |
714 | GEN 26:21 | Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi. |
719 | GEN 26:26 | Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. |
771 | GEN 27:43 | Enti me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye. Guan ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. |
842 | GEN 30:11 | Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.” |
895 | GEN 31:21 | Yakob de nʼahode nyinaa guanee. Otwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔw asase Gilead no so. |
897 | GEN 31:23 | Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so. |
899 | GEN 31:25 | Bere a Laban ne ne fifo kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntamadan wɔ bepɔw Gilead atifi. Laban ne ne fifo no nso sisii wɔn ntamadan wɔ hɔ. |
921 | GEN 31:47 | Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara. |
922 | GEN 31:48 | Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. |
1038 | GEN 35:26 | Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no. |
1052 | GEN 36:11 | Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. |
1057 | GEN 36:16 | Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom. |
1109 | GEN 37:25 | Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so. |
1309 | GEN 43:18 | Ɔde wɔn duu Yosef fi no, wosuroe. Wɔkae se, “Gyama esiane dwetɛ a yɛbɛtɔɔ aduan a edi kan no wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔn to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsan fa yɛn mfurum no nyinaa.” |
1369 | GEN 45:10 | Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra. |
1398 | GEN 46:11 | Lewi mmabarima din na edidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari. |
1403 | GEN 46:16 | Gad nso mma din na edidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. |
1408 | GEN 46:21 | Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. |
1411 | GEN 46:24 | Naftali nso mmabarima din na edidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. |
1415 | GEN 46:28 | Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen. |
1416 | GEN 46:29 | Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin. |
1421 | GEN 46:34 | momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.” |
1422 | GEN 47:1 | Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.” |
1425 | GEN 47:4 | Anuanom no toaa so se, “Yɛaba ha sɛ ananafo a yɛrebɛtena ha kakra, efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den yiye wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nguan nnya aduan nni. Enti yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.” |
1427 | GEN 47:6 | Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuabarimanom baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wunim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nguan so mma me.” |
1448 | GEN 47:27 | Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye. |
1493 | GEN 49:19 | “Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so, na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so. |
1515 | GEN 50:8 | kaa Yosef fifo nyinaa a ne nuabarimanom ne nʼagya fifo no ho. Wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi nko ara na wogyaw wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. |
1537 | EXO 1:4 | Dan, Naftali; Gad ne Aser. |
1577 | EXO 2:22 | Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” |
1672 | EXO 6:16 | Lewi mmabarima: Gerson, Kohat, Merari Lewi dii mfe ɔha aduasa ason. |
1673 | EXO 6:17 | Gerson mmabarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti. |
1733 | EXO 8:18 | “ ‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so. |
1769 | EXO 9:26 | Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no. |
2003 | EXO 18:3 | a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” |
3607 | NUM 1:2 | “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din. |
3615 | NUM 1:10 | Yosef mmabarima no: Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel; |
3616 | NUM 1:11 | Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan; |
3619 | NUM 1:14 | Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf; |
3629 | NUM 1:24 | Gad asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. |
3630 | NUM 1:25 | Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650). |
3673 | NUM 2:14 | Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. |
3679 | NUM 2:20 | Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. |
3681 | NUM 2:22 | Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. |
3710 | NUM 3:17 | Eyinom ne Lewi mmabarima: Gerson, Kohat ne Merari. |
3711 | NUM 3:18 | Gerson asefo ni: Libni ne Simei. |
3714 | NUM 3:21 | Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase. |
3715 | NUM 3:22 | Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum (7,500). |
3717 | NUM 3:24 | Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf. |
3766 | NUM 4:22 | “Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no, |
3768 | NUM 4:24 | “Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni: |
3771 | NUM 4:27 | Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di. |
3772 | NUM 4:28 | Eyi ne Gersonfo no adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ sɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase. |
3782 | NUM 4:38 | Wɔkan Gersonfo no mmusua ne wɔn mmusuakuw. |
3785 | NUM 4:41 | Enti na Gersonfo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no. |
3856 | NUM 7:5 | “Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.” |
3858 | NUM 7:7 | Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi, |
3893 | NUM 7:42 | Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. |
3905 | NUM 7:54 | Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. |
3910 | NUM 7:59 | ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae. |
3911 | NUM 7:60 | Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. |
3916 | NUM 7:65 | ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae. |
4006 | NUM 10:17 | Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu. |
4009 | NUM 10:20 | Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. |
4012 | NUM 10:23 | Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; |
4013 | NUM 10:24 | na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim. |
4086 | NUM 13:10 | Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel; |
4087 | NUM 13:11 | Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi; |