98 | GEN 4:18 | Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. |
246 | GEN 10:11 | Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne |
296 | GEN 11:29 | Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. |
393 | GEN 16:11 | Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu. |
397 | GEN 16:15 | Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael. |
398 | GEN 16:16 | Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia. |
416 | GEN 17:18 | Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!” |
417 | GEN 17:19 | Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. |
418 | GEN 17:20 | Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. |
419 | GEN 17:21 | Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.” |
421 | GEN 17:23 | Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. |
423 | GEN 17:25 | Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa. |
424 | GEN 17:26 | Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. |
517 | GEN 21:3 | Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew. |
518 | GEN 21:4 | Bere a Isak dii nnaawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no. |
519 | GEN 21:5 | Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha. |
522 | GEN 21:8 | Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse. |
523 | GEN 21:9 | Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw. |
524 | GEN 21:10 | Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.” |
525 | GEN 21:11 | Abraham tee saa asɛm no, esiane ne babarima Ismael nti, ne werɛ how yiye. |
526 | GEN 21:12 | Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo. |
527 | GEN 21:13 | Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefo ayɛ ɔman kɛse, efisɛ ɔno nso yɛ wʼaseni.” |
528 | GEN 21:14 | Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ. |
550 | GEN 22:2 | Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.” |
551 | GEN 22:3 | Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. |
554 | GEN 22:6 | Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no, |
555 | GEN 22:7 | Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!” Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?” |
557 | GEN 22:9 | Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so. |
595 | GEN 24:3 | Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. |
606 | GEN 24:14 | Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.” |
629 | GEN 24:37 | Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak. |
630 | GEN 24:38 | Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’ |
636 | GEN 24:44 | na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’ |
654 | GEN 24:62 | Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. |
655 | GEN 24:63 | Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba. |
656 | GEN 24:64 | Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so, |
658 | GEN 24:66 | Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. |
659 | GEN 24:67 | Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi. |
664 | GEN 25:5 | Abraham de nʼagyapade nyinaa maa Isak. |
665 | GEN 25:6 | Nanso bere a ɔte ase no, ɔmaa ne mpenamma akyɛde, na oyii wɔn fii ne babarima Isak nkyɛn ma wɔkɔɔ apuei fam asase bi so. |
668 | GEN 25:9 | Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam. |
670 | GEN 25:11 | Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no. |
671 | GEN 25:12 | Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm. |
672 | GEN 25:13 | Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam, |
675 | GEN 25:16 | Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmabarima no. Saa din yi na ɛdeda mmusuakuw dumien ne wɔn atenae so. |
676 | GEN 25:17 | Ismael dii mfirihyia ɔha aduasa ason ansa na ɔrewu. Owu ma wosiee no wɔ ne nkurɔfo mu. |
677 | GEN 25:18 | Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam. |
678 | GEN 25:19 | Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni. Abraham woo Isak. |
679 | GEN 25:20 | Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea. |
680 | GEN 25:21 | Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee. |
685 | GEN 25:26 | Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia. |
687 | GEN 25:28 | Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm. |
694 | GEN 26:1 | Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. |
695 | GEN 26:2 | Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. |
699 | GEN 26:6 | Enti Isak tenaa Gerar. |
700 | GEN 26:7 | Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no. |
701 | GEN 26:8 | Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho. |
702 | GEN 26:9 | Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.” |
705 | GEN 26:12 | Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. |
706 | GEN 26:13 | Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. |
709 | GEN 26:16 | Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.” |
710 | GEN 26:17 | Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae. |
711 | GEN 26:18 | Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio. |
712 | GEN 26:19 | Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn. |
713 | GEN 26:20 | Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura. |
714 | GEN 26:21 | Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi. |
715 | GEN 26:22 | Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.” |
716 | GEN 26:23 | Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba. |
718 | GEN 26:25 | Isak sii afɔremuka, som Awurade wɔ hɔ. Osii ntamadan tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no. |
719 | GEN 26:26 | Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. |
720 | GEN 26:27 | Isak bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ sɛ morebɛsra me?” |
723 | GEN 26:30 | Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. |
724 | GEN 26:31 | Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu. |
725 | GEN 26:32 | Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.” |
726 | GEN 26:33 | Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara. |
728 | GEN 26:35 | Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho. |
729 | GEN 27:1 | Isak bɔɔ akwakoraa a nʼani so ayɛ no wusiwusi na onhu ade papa no, da koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panyin Esau. “Me ba.” Na Esau gyee so se, “Agya, mini.” |
730 | GEN 27:2 | Isak kae se, “Mprempren mabɔ akwakoraa, na minnim da a mewu. |
733 | GEN 27:5 | Bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti bere a Esau kɔɔ sɛ ɔrekokum nam no aba pɛ, na |
742 | GEN 27:14 | Enti Yakob tiee ne na Rebeka asɛm, kɔkyeree nguan no brɛɛ no. Na okum wɔn, de noaa akɔnnɔduan bi, sɛnea Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. |
746 | GEN 27:18 | Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!” Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?” |
748 | GEN 27:20 | Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buae se, “Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” |
749 | GEN 27:21 | Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, twiw bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa ana.” |
750 | GEN 27:22 | Yakob twiw bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kae se, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau de.” |
751 | GEN 27:23 | Isak anhu sɛ ɛyɛ Yakob, efisɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ohyiraa no. |
752 | GEN 27:24 | Isak san bisaa Yakob se, “Enti ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?” Yakob buae se, “Yiw, me ne Esau.” |
753 | GEN 27:25 | Afei, Isak kae se, “Me ba, fa wʼaduan no brɛ me na minni, na midi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduan no brɛɛ nʼagya Isak, na odii; ɔsan de nsa brɛɛ no maa ɔnomee. |
754 | GEN 27:26 | Isak wiee no, ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, bra befew mʼano!” |
755 | GEN 27:27 | Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se, “Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ hua a efi afuw a Awurade ahyira so no mu. |
758 | GEN 27:30 | Isak hyiraa Yakob wiei, na ofii nʼagya nkyɛn kɔe ara pɛ, na ne nua Esau fi nʼahayɛ bae. |
760 | GEN 27:32 | Nʼagya Isak bisaa no se, “Na hena ni?” Esau buae se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” |
761 | GEN 27:33 | Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho fii ase wosow biribiribiri, na obisae se, “Ɛno de, na hena na ɔkɔɔ ahayɛ kokum nam de noaa aduan brɛɛ me yi. Mididi wie hyiraa onipa ko no pɛ na wobaa yi. Nokware ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesan mʼano a, ɛrenyɛ yiye!” |
763 | GEN 27:35 | Nanso Isak kae se, “Ɛno de, na wo nua na ɔde nnaadaa abegye wo nhyira kɔ!” |
765 | GEN 27:37 | Isak buaa Esau se, “Manya de no ayɛ wo wura dedaw. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, obenya afum nnuan ne nsa foforo bebree. Na afei, dɛn bio na aka a metumi ayɛ ama wo, me ba?” |
767 | GEN 27:39 | Afei, nʼagya Isak buaa no se, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so. |
769 | GEN 27:41 | Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyee no nti, Esau tan Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim se, “Ɛrenkyɛ, na mʼagya Isak awu. Sɛ owu a, mekum me nua Yakob.” |
774 | GEN 27:46 | Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.” |
775 | GEN 28:1 | Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da. |