Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   K    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

44  GEN 2:13  Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa.
80  GEN 3:24  Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.
81  GEN 4:1  Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.
82  GEN 4:2  Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.
83  GEN 4:3  Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre.
85  GEN 4:5  Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.
86  GEN 4:6  Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa?
88  GEN 4:8  Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.
89  GEN 4:9  Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”
90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
93  GEN 4:13  Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so.
95  GEN 4:15  Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no.
96  GEN 4:16  Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam.
97  GEN 4:17  Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok.
102  GEN 4:22  Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.
104  GEN 4:24  Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a, ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”
105  GEN 4:25  Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.”
115  GEN 5:9  Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
116  GEN 5:10  Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
118  GEN 5:12  Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
119  GEN 5:13  Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
120  GEN 5:14  ka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.
224  GEN 9:18  Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
228  GEN 9:22  Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ.
231  GEN 9:25  ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”
232  GEN 9:26  Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
233  GEN 9:27  Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
239  GEN 10:4  Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
241  GEN 10:6  Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
242  GEN 10:7  Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan.
243  GEN 10:8  Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
245  GEN 10:10  Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
246  GEN 10:11  Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
247  GEN 10:12  Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.
249  GEN 10:14  Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
250  GEN 10:15  Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
253  GEN 10:18  Arwadfo, Semarifo ne Hematifo. Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee.
254  GEN 10:19  Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.
295  GEN 11:28  Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no.
298  GEN 11:31  Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
304  GEN 12:5  Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.
305  GEN 12:6  Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so.
326  GEN 13:7  Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.
331  GEN 13:12  Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.
338  GEN 14:1  Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so,
341  GEN 14:4  Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua.
342  GEN 14:5  Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Nako dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim
344  GEN 14:7  Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.
346  GEN 14:9  saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu.
354  GEN 14:17  Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a naka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu.
368  GEN 15:7  Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”
380  GEN 15:19  Saa ara nso na mede Kenifo, Kenesifo, Kadmonifo,
382  GEN 15:21  Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”
385  GEN 16:3  Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no.
396  GEN 16:14  Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
406  GEN 17:8  Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”
431  GEN 18:6  Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se,Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”
473  GEN 19:15  Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
478  GEN 19:20  Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?”
497  GEN 20:1  Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.
569  GEN 22:21  Us yɛ abakan, Us nuabarima a odi so ne Bus. Kemuel a ɔto so abiɛsa na ɔwoo Aram.
570  GEN 22:22  Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
574  GEN 23:2  Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
583  GEN 23:11  “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kwo. Migyina me manfo anim, na mede kwo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
587  GEN 23:15  “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
591  GEN 23:19  Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.
595  GEN 24:3  Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
629  GEN 24:37  Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
660  GEN 25:1  Abraham waree ɔbea foforo bi a ne din de Ketura.
661  GEN 25:2  Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
663  GEN 25:4  Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.
672  GEN 25:13  Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
674  GEN 25:15  Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
726  GEN 26:33  Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri nokyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
735  GEN 27:7  Kɔhwehwɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’
737  GEN 27:9  Kɔ nguankuw no mu, na kɔkyere nguan abien a wɔadodɔ srade brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduan, sɛnea wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no.
741  GEN 27:13  Yakob ne na ka kyerɛɛ no se, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nguan no brɛ me.”
775  GEN 28:1  Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.
776  GEN 28:2  Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako.
780  GEN 28:6  Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.”
782  GEN 28:8  Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm.
793  GEN 28:19  Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.
811  GEN 29:15  Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”
859  GEN 30:28  Laban ka kaa ho se,Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.”
892  GEN 31:18  Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn Kanaan asase so.
921  GEN 31:47  Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara.
922  GEN 31:48  Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.
925  GEN 31:51  Laban san ka kyerɛɛ Yakob se, “Abo Kuw yi ni. Nkaedum a mede asi me ne wo ntam no nso ni.
926  GEN 31:52  Abo Kuw yi, ne nkaedum yi nyɛ adanse sɛ, me Laban, merentra saa Abo Kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Abo kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me.
979  GEN 33:18  Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu.
1011  GEN 34:30  Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”
1013  GEN 35:1  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se,Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”