Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   L    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

98  GEN 4:18  Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.
99  GEN 4:19  Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila.
103  GEN 4:23  Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.
104  GEN 4:24  Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a, ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”
131  GEN 5:25  Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.
132  GEN 5:26  Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
134  GEN 5:28  Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima.
136  GEN 5:30  Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
137  GEN 5:31  Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.
248  GEN 10:13  Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
254  GEN 10:19  Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.
257  GEN 10:22  Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
294  GEN 11:27  Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.
298  GEN 11:31  Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
303  GEN 12:4  Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum.
304  GEN 12:5  Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.
320  GEN 13:1  Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb.
324  GEN 13:5  Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree.
325  GEN 13:6  Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so.
326  GEN 13:7  Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.
327  GEN 13:8  Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.
329  GEN 13:10  Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ.
330  GEN 13:11  Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no.
331  GEN 13:12  Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.
333  GEN 13:14  Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
349  GEN 14:12  Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.
351  GEN 14:14  Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu.
353  GEN 14:16  Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae.
396  GEN 16:14  Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
459  GEN 19:1  Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba.
461  GEN 19:3  Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii.
463  GEN 19:5  Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
464  GEN 19:6  Lot fii adi, too ne pon mu, kohyiaa Sodom mmarima no.
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
468  GEN 19:10  Nanso ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyɛ fie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ fie hɔ, too pon no mu.
470  GEN 19:12  Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
472  GEN 19:14  Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.
473  GEN 19:15  Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
474  GEN 19:16  Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ.
475  GEN 19:17  Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!”
476  GEN 19:18  Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom!
479  GEN 19:21  Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no.
481  GEN 19:23  Bere a Lot duu Soar no, na owia apue.
484  GEN 19:26  Nanso Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi ma ɔdan nkyene siw.
487  GEN 19:29  Bere a Onyankopɔn sɛee nkurow a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na oyii Lot fii ɔsɛe a ɛbaa nkurow a na Lot te so no mu no.
488  GEN 19:30  Lot ne ne mmabea baanu no tu fii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔw no so no mu, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar.
491  GEN 19:33  Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na ɔbabea panyin no ne no kɔdae. Lot anhu bere ko a ne babea panyin no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
493  GEN 19:35  Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdae. Bio, Lot anhu bere ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
494  GEN 19:36  Enti Lot ne ne mmabea baanu no nyinsɛnee.
621  GEN 24:29  Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.
622  GEN 24:30  Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so.
623  GEN 24:31  Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”
624  GEN 24:32  Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho.
625  GEN 24:33  Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
642  GEN 24:50  Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara.
654  GEN 24:62  Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.
662  GEN 25:3  Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo.
670  GEN 25:11  Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
679  GEN 25:20  Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea.
771  GEN 27:43  Enti me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye. Guan ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.
776  GEN 28:2  Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako.
779  GEN 28:5  Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
793  GEN 28:19  Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.
801  GEN 29:5  Yakob san bisaa wɔn se, “Munim Nahor nena Laban ana?” Nguanhwɛfo no nso buaa no se, “Yiw, yenim no.”
806  GEN 29:10  Bere a Yakob huu ne na nuabarima Laban babea Rahel ne ne wɔfa Laban nguan no, okopirew ɔbo no fii abura no ano. Afei, wɔmaa nguan no nsu nomee.
808  GEN 29:12  Na Yakob aka akyerɛ Rahel se, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsan yɛ nʼagya Laban no nuabea Rebeka babarima. Enti Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.
809  GEN 29:13  Laban tee ne nuabea Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, few nʼano, de no baa ne fi maa Yakob bɔɔ no nʼanantese.
810  GEN 29:14  Laban ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me dehye.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn ɔsram.
811  GEN 29:15  Da koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob se, “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ me busuani de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ mitua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”
812  GEN 29:16  Na Laban wɔ mmabea baanu. Na ɔpanyin no din de Lea na akumaa no nso de Rahel.
813  GEN 29:17  Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, na Rahel yɛ ɔbea fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yiye.
814  GEN 29:18  Na Yakob dɔ Rahel wɔ aware kwan so, nti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban se, “Sɛ wode wo babea kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfe ason.”
815  GEN 29:19  Laban kae se, “Mepene so! Eye sɛ mede no bɛma wo aware mmom sen sɛ mede no bɛma obi foforo bi a minnim no. Enti tena me nkyɛn.”
816  GEN 29:20  Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel nti, ɔsom Laban mfe ason, na wanhu koraa sɛ wasom akyɛ saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.
817  GEN 29:21  Yakob som wiee no, ɔka kyerɛɛ Laban se, “Masom awie nti, fa Rahel ma me na menware no.”
818  GEN 29:22  Ɛno nti, Laban too pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa aponto no ase.
819  GEN 29:23  Na eduu anadwo a sum aduru no, Laban de ne babea Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no dae.
820  GEN 29:24  Ɛno akyi no, Laban de nʼafenaa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.
821  GEN 29:25  Ade kyee no, ohuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban se, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ?”
822  GEN 29:26  Laban buaa Yakob se, “Ɛha de, ɛnyɛ yɛn amanne sɛ yɛde ɔbabea kumaa ma aware wɔ bere a ɔpanyin no nwaree ɛ.
823  GEN 29:27  Ma Lea nni nnaawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnaawɔtwe no akyi no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasan asom mfirihyia ason bio, na mede no ama wo aware.”
824  GEN 29:28  Yakob penee so ne Lea tenaa nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, ɔsom mfe ason ansa na Laban de ne babea Rahel nso maa no waree.
825  GEN 29:29  Laban de nʼafenaa Bilha nso maa ne babea Rahel sɛ ɔnkɔsom no.
826  GEN 29:30  Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sen Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, som no mfirihyia ason bio sɛnea ɔne no hyehyɛe no.
827  GEN 29:31  Awurade huu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, obuee ne yafunu mu, nanso Rahel de, na ɔnwo.
828  GEN 29:32  Lea nyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Ruben a nkyerɛase ne “Awurade ahu mmɔbɔ a meyɛ.” Na Lea kae se, “Awurade ahu me mmɔbɔ. Nokware, afei na me kunu ani begye me ho.”
829  GEN 29:33  Lea nyinsɛnee bio na ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Esiane sɛ Awurade huu sɛ me kunu ani nnye me ho nti, wasan akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a nkyerɛase ne “Awurade ate!”
830  GEN 29:34  Lea san nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Afei de, me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ mawo mmabarima baasa ama no.” Ɛno nti, ɔtoo no din Lewi a nkyerɛase ne “Ahofam.”
831  GEN 29:35  Lea san nyinsɛnee. Bere a ɔsan woo ɔbabarima bio no, ɔkae se, “Saa bere yi de, mɛkamfo Awurade.” Ɛno nti, ɔtoo no din Yuda, a ne nkyerɛase ne “Nkamfo.” Eyi akyi no, ɔhomee awo so.
839  GEN 30:8  Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”
840  GEN 30:9  Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree.