Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   Y    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

58  GEN 3:2  Ɔbea no buaa ɔwɔ se,Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,
68  GEN 3:12  Adam kae se,Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”
100  GEN 4:20  Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa.
101  GEN 4:21  Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo.
121  GEN 5:15  Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.
122  GEN 5:16  Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
124  GEN 5:18  Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok.
125  GEN 5:19  Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
126  GEN 5:20  Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.
138  GEN 5:32  Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.
148  GEN 6:10  Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.
152  GEN 6:14  Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa.
173  GEN 7:13  Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu.
201  GEN 8:17  Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.”
224  GEN 9:18  Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
229  GEN 9:23  Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
233  GEN 9:27  Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
236  GEN 10:1  Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.
237  GEN 10:2  Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
239  GEN 10:4  Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
251  GEN 10:16  Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
256  GEN 10:21  Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.
260  GEN 10:25  Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
261  GEN 10:26  Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
264  GEN 10:29  Ofir, Hawila ne Yobab.
329  GEN 13:10  Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ.
330  GEN 13:11  Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no.
382  GEN 15:21  Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
470  GEN 19:12  Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
489  GEN 19:31  Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se,Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛneayɛ wɔ wiase baabiara no.
508  GEN 20:12  Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no.
570  GEN 22:22  Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
578  GEN 23:6  “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
587  GEN 23:15  “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
614  GEN 24:22  Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.
617  GEN 24:25  Ɔka kaa ho se,Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”
650  GEN 24:58  Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se,Yiw, mɛkɔ!”
661  GEN 25:2  Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
662  GEN 25:3  Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo.
674  GEN 25:15  Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
685  GEN 25:26  Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.
686  GEN 25:27  Mmofra no nyin no, Esauyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔtow a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wuram baabiara. Yakob nsoyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na bere biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.
687  GEN 25:28  Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.
688  GEN 25:29  Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.
689  GEN 25:30  Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.
690  GEN 25:31  Yakob buae se, “Tɔn wo panyin no ma me ansa.”
692  GEN 25:33  Yakob buaa Esau se, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panyin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panyin no maa ne nua kumaa Yakob.
693  GEN 25:34  Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no.
721  GEN 26:28  Wobuaa no se,Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne woyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no
722  GEN 26:29  sɛ worenhaw yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛanhaw wo no. Yɛne wo tenaa yiye. Yegyaa wo kwan asomdwoe mu. Na afei, hwɛ sɛnea Awurade ahyira wo.”
725  GEN 26:32  Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se,Yɛato nsu.”
727  GEN 26:34  Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.
734  GEN 27:6  Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se,Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se,
739  GEN 27:11  Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se, “Wunim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ trontrom.
741  GEN 27:13  Yakob ne na ka kyerɛɛ no se, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nguan no brɛ me.”
742  GEN 27:14  Enti Yakob tiee ne na Rebeka asɛm, kɔkyeree nguan no brɛɛ no. Na okum wɔn, de noaa akɔnnɔduan bi, sɛnea Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ.
743  GEN 27:15  Ɛno akyi no, Rebeka faa ne ba panyin Esau atade papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛe.
744  GEN 27:16  Afei, ɔde nguan a wokum wɔn no nhoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa.
745  GEN 27:17  Ɔde brodo a wato no foforo kaa akɔnnɔduan a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.
746  GEN 27:18  Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!” Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?”
747  GEN 27:19  Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ nea woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduan no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wudidi wie a, woahyira me.”
748  GEN 27:20  Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buae se, “Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”
749  GEN 27:21  Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, twiw bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa ana.”
750  GEN 27:22  Yakob twiw bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kae se, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau de.”
751  GEN 27:23  Isak anhu sɛ ɛyɛ Yakob, efisɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ohyiraa no.
752  GEN 27:24  Isak san bisaa Yakob se, “Enti ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?” Yakob buae se,Yiw, me ne Esau.”
753  GEN 27:25  Afei, Isak kae se, “Me ba, fa wʼaduan no brɛ me na minni, na midi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduan no brɛɛ nʼagya Isak, na odii; ɔsan de nsa brɛɛ no maa ɔnomee.
754  GEN 27:26  Isak wiee no, ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, bra befew mʼano!”
755  GEN 27:27  Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se, “Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ hua a efi afuw a Awurade ahyira so no mu.
758  GEN 27:30  Isak hyiraa Yakob wiei, na ofii nʼagya nkyɛn kɔe ara pɛ, na ne nua Esau fi nʼahayɛ bae.
764  GEN 27:36  Esau kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a ase kyerɛ nantintwitwafo. Eyi ne ne mprenu so a wadaadaa me. Nea edi kan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panyin. Nea ɛto so abien nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya se, “Enti woannyaw me nhyira no bi a wode behyira me nso?”
769  GEN 27:41  Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyee no nti, Esau tan Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim se, “Ɛrenkyɛ, na mʼagya Isak awu. Sɛ owu a, mekum me nua Yakob.”
770  GEN 27:42  Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
774  GEN 27:46  Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.”
775  GEN 28:1  Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.
779  GEN 28:5  Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
780  GEN 28:6  Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.”
781  GEN 28:7  Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram.
784  GEN 28:10  Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran.
790  GEN 28:16  Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!”
791  GEN 28:17  Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”
792  GEN 28:18  Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so.
794  GEN 28:20  Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura,
797  GEN 29:1  Yakob toaa nʼakwantu so koduu apueifo asase so.
800  GEN 29:4  Yakob bisaa wɔn se, “Anuanom, mufi he na mobaa ha?” Wobuaa Yakob se,Yefi Haran.”
801  GEN 29:5  Yakob san bisaa wɔn se, “Munim Nahor nena Laban ana?” Nguanhwɛfo no nso buaa no se,Yiw, yenim no.”
802  GEN 29:6  Na Yakob bisaa wɔn se, “Na ne ho te dɛn?” Wobuaa no se, “Ne ho ye. Na ne babea Rahel koraa na ɔne ne nguan reba yi.”
803  GEN 29:7  Yakob kae se, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Bere a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnui. Momma wɔn nsu nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”
804  GEN 29:8  Nguanhwɛfo no buaa Yakob se, “Sɛ yɛmmoaboaa nguan no nyinaa ano, na yempirew ɔbo no mfii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsu nnom.”
805  GEN 29:9  Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ oguanhwɛfo no de nʼagya nguan baa hɔ.