Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   n    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

1  GEN 1:1  Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.
2  GEN 1:2  Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.
3  GEN 1:3  Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnhann,” na ɛyɛɛ hann.
4  GEN 1:4  Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho.
5  GEN 1:5  Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.
6  GEN 1:6  Onyankopɔn kae se,Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.”
7  GEN 1:7  Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.
8  GEN 1:8  Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien.
9  GEN 1:9  Na Onyankopɔn kae se,Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.
10  GEN 1:10  Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye.
11  GEN 1:11  Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
12  GEN 1:12  Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye.
13  GEN 1:13  Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa.
14  GEN 1:14  Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe,
15  GEN 1:15  na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
16  GEN 1:16  Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso.
17  GEN 1:17  Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so,