Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   ʼ    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

11  GEN 1:11  Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
12  GEN 1:12  Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye.
26  GEN 1:26  Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”
29  GEN 1:29  Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan.
30  GEN 1:30  Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa.
33  GEN 2:2  Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome.
34  GEN 2:3  Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu.
54  GEN 2:23  Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”
55  GEN 2:24  Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.
70  GEN 3:14  Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma.
71  GEN 3:15  Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”
72  GEN 3:16  Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”
75  GEN 3:19  Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”
82  GEN 4:2  Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.
83  GEN 4:3  Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre.
85  GEN 4:5  Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.
91  GEN 4:11  Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so.
93  GEN 4:13  Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so.
94  GEN 4:14  Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.”
100  GEN 4:20  Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa.
101  GEN 4:21  Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo.
104  GEN 4:24  Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a, ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”
195  GEN 8:11  Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so.
217  GEN 9:11  Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”
221  GEN 9:15  mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.
228  GEN 9:22  Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ.
229  GEN 9:23  Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
233  GEN 9:27  Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
245  GEN 10:10  Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
246  GEN 10:11  Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
250  GEN 10:15  Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
260  GEN 10:25  Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
298  GEN 11:31  Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
300  GEN 12:1  Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
304  GEN 12:5  Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.
306  GEN 12:7  Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
307  GEN 12:8  Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
308  GEN 12:9  Na Abram fii hɔ toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.
314  GEN 12:15  Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
320  GEN 13:1  Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb.
323  GEN 13:4  Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade.
328  GEN 13:9  Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
330  GEN 13:11  Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no.
333  GEN 13:14  Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
334  GEN 13:15  Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ.
335  GEN 13:16  Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan.
349  GEN 14:12  Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.
352  GEN 14:15  Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu.
353  GEN 14:16  Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae.
357  GEN 14:20  Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.
363  GEN 15:2  Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?”
364  GEN 15:3  Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”
365  GEN 15:4  Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.”
366  GEN 15:5  Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”
368  GEN 15:7  Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”
374  GEN 15:13  Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.
375  GEN 15:14  Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo.
377  GEN 15:16  Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”
379  GEN 15:18  Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo.
382  GEN 15:21  Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”
384  GEN 16:2  enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
386  GEN 16:4  Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa.
387  GEN 16:5  Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
388  GEN 16:6  Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.
390  GEN 16:8  Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”
391  GEN 16:9  Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”
392  GEN 16:10  Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”
393  GEN 16:11  Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu.
399  GEN 17:1  Abram dii mfe aduɔkron akron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ.
400  GEN 17:2  Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.”
401  GEN 17:3  Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,
404  GEN 17:6  Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu.
405  GEN 17:7  Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn.
406  GEN 17:8  Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”
407  GEN 17:9  Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so.
408  GEN 17:10  Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia.
410  GEN 17:12  Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara.
412  GEN 17:14  Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”
414  GEN 17:16  Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.”
415  GEN 17:17  Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?”
417  GEN 17:19  Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa.
418  GEN 17:20  Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse.
419  GEN 17:21  Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.”
427  GEN 18:2  Abraham maa nʼani so no, ohuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenso. Ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ne ntamadan no kwan ano kohyiaa wɔn, kotow wɔn.