Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   Word!    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

90  GEN 4:10  Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
95  GEN 4:15  Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no.
155  GEN 6:17  Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu.
232  GEN 9:26  Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
318  GEN 12:19  Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
384  GEN 16:2  enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
387  GEN 16:5  Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
450  GEN 18:25  Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”
466  GEN 19:8  Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”
467  GEN 19:9  Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
476  GEN 19:18  Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom!
583  GEN 23:11  “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
587  GEN 23:15  “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
634  GEN 24:42  “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!
652  GEN 24:60  Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
734  GEN 27:6  Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se,
755  GEN 27:27  Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se, “Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ hua a efi afuw a Awurade ahyira so no mu.
815  GEN 29:19  Laban kae se, “Mepene so! Eye sɛ mede no bɛma wo aware mmom sen sɛ mede no bɛma obi foforo bi a minnim no. Enti tena me nkyɛn.”
844  GEN 30:13  Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”
1103  GEN 37:19  Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no!
1114  GEN 37:30  Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”
1117  GEN 37:33  Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”
1159  GEN 39:9  Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.”
1200  GEN 41:4  Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
1262  GEN 42:9  Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
1267  GEN 42:14  Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo!
1275  GEN 42:22  Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa”
1289  GEN 42:36  Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
1332  GEN 44:7  Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa!
1359  GEN 44:34  Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”
1362  GEN 45:3  Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.
1367  GEN 45:8  “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
1368  GEN 45:9  Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim!
1385  GEN 45:26  Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni.
1436  GEN 47:15  Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”
1440  GEN 47:19  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
1481  GEN 49:7  Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den, na ɛyɛ atirimɔdensɛm! Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete Israelman mu nyinaa.
1526  GEN 50:19  Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana?
1528  GEN 50:21  Enti munnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ehia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
1640  EXO 5:7  “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no.
1762  EXO 9:19  Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”
1806  EXO 10:28  Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”
1814  EXO 11:7  Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!
1829  EXO 12:12  “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade!
1937  EXO 15:16  Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. Awurade, wo tumi nti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn Betwa wɔn ho asomdwoe mu.
1986  EXO 17:2  Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
2995  LEV 10:17  “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim.
3093  LEV 13:40  “Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!
3098  LEV 13:45  “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’
3507  LEV 25:37  Kae sɛ worennye ho mfɛntom biara; na ma no biribiara a ɛho hia no na ɛnyɛ wo ka. Mpɛ mfaso!
3533  LEV 26:8  Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim.
4024  NUM 10:35  Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se, “Awurade, sɔre! Ma wʼatamfo nhwete; ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”
4039  NUM 11:14  Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!
4044  NUM 11:19  Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu!
4046  NUM 11:21  Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram!
4057  NUM 11:32  Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa.
4103  NUM 13:27  Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni.
4122  NUM 14:13  Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu.
4150  NUM 14:41  Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye!
4203  NUM 16:8  Mose san bisaa Kora se, “Afei mo Lewifo, muntie!
4208  NUM 16:13  So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso!
4210  NUM 16:15  Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
4221  NUM 16:26  Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Monsan mfi saa nnipabɔnefo yi ntamadan no mu! Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara, anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa, esiane wɔn bɔne nti.”
4257  NUM 17:27  Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera!
4322  NUM 20:10  Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wobehyiaa wɔ ɔbotan no anim na Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Atuatewfo, muntie! Yɛmma nsu mfi saa ɔbotan yi mu mmra ana?”
4346  NUM 21:5  wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
4358  NUM 21:17  Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi, “Tue Ao, Abura! To ho dwom!
4370  NUM 21:29  Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo, Ne ne mmabea sɛ Amorihene Sihon nnommum.
4389  NUM 22:13  Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! Awurade ampene sɛ me ne mo nkɔ.”
4405  NUM 22:29  Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”
4437  NUM 23:20  Wɔahyɛ me sɛ minhyira; wahyira, na merentumi nnan ani!
4438  NUM 23:21  “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu, wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu. Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho; Ɔhene ka wɔn ho!
4452  NUM 24:5  “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ, Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
4458  NUM 24:11  Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
4736  NUM 32:16  Wɔteɛɛ mu se, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra.
4902  DEU 1:8  Muntie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefo no.”
4905  DEU 1:11  Awurade mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no!
5161  DEU 9:2  Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?”
5429  DEU 19:21  Munnhu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ mudi so no yɛ nkwa nsi nkwa anan mu, aniwa nsi aniwa anan mu, ɛse nsi se anan mu, nsa nsi nsa anan mu na nan nsi nan anan mu.
5432  DEU 20:3  Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo.
5434  DEU 20:5  Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu.
5435  DEU 20:6  Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu.
5436  DEU 20:7  Obi wɔ ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔware no.”
5448  DEU 20:19  Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so!
5568  DEU 25:19  Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapade no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da!
5596  DEU 27:9  Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo.
5677  DEU 28:64  Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa afi asase ano akosi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔho anyame a mo anaa mo agyanom nhuu bi da; anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ!
5729  DEU 30:19  Nnɛ mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ munyi nea mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo. Momfa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo asefo benya nkwa!
5736  DEU 31:6  Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso.”
5757  DEU 31:27  Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew!
5763  DEU 32:3  Mɛbɔ Awurade din. O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!
5789  DEU 32:29  Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase, na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!
5798  DEU 32:38  anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo! Ma womegye mo!
5799  DEU 32:39  “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mikum na mema nkwa: Me na mipira, na mɛkyekye, na obi rentumi nnye mfi me nsam.
5807  DEU 32:47  Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”
5832  DEU 33:20  Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho: “Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu! Gad te hɔ sɛ gyata a ɔretetew abasa anaa eti.
5841  DEU 33:29  Nhyira nka mo, Israel! Hena na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo ne mo anuonyam afoa! Mo atamfo bɛkotow mo anim, na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”
5862  JOS 1:9  Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
5906  JOS 3:11  Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan.
5967  JOS 6:16  Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na Awurade de kuropɔn no ama mo!