Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   ‘Word,    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

634  GEN 24:42  “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!
1596  EXO 3:16  “Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim.
1598  EXO 3:18  “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’
1662  EXO 6:6  “Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
1702  EXO 7:16  Ka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn asan asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ sare so. Woayɛ asoɔden.
1960  EXO 16:12  “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’ ”
2447  EXO 32:8  na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ”
3812  NUM 5:19  Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’
5866  JOS 1:13  “Monkae ahyɛde a Awurade somfo Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’
7474  1SA 12:12  “Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene.
7700  1SA 18:22  Na Saulo hyɛɛ ne nkoa se, “Monka no kokoa mu nkyerɛ Dawid se, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn nti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ”
7753  1SA 20:21  Afei, mɛsoma abarimaa bi aka se, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ ha; tase brɛ me a,’ bra, efisɛ mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ.
7754  1SA 20:22  Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛno de, na ɛsɛ sɛ wokɔ, efisɛ Awurade na ose kɔ.
8374  2SA 14:15  “Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me,
8426  2SA 15:34  San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no.
8432  2SA 16:3  Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’ ”
11891  2CH 32:11  Hesekia aka se: ‘Awurade, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo!
12021  2CH 36:23  “Sɛnea Persiahene Kores ka ni: “‘Awurade, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. Awurade, mo Nyankopɔn nka mo ho.’ ”
16227  PSA 132:8  ‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi adaka no.
18548  ISA 41:27  Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.
18630  ISA 44:27  nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow, na mɛma wo nsuwa ayoyow,’
18935  ISA 62:11  Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ”
18967  ISA 65:1  “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me. Ɔman a wonsu mfrɛ me no, meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
19075  JER 3:4  Nnansa yi ara, woamfrɛ me se: ‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,
19172  JER 6:14  Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’ wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
19541  JER 22:18  Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no: ‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’ Wɔrensu no: ‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’
19746  JER 30:10  “ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; mma wʼaba mu mmu, Israel,’ nea Awurade se ni. ‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ na obiara renhunahuna no bio.
19766  JER 31:6  Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu wɔ Efraim nkoko so se, ‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion, nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’ ”
19767  JER 31:7  Nea Awurade se ni: “Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob; Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo. Momma wɔnte mo ayeyi na monka se, ‘Awurade, gye wo nkurɔfo, Israel nkae no.’
19903  JER 35:11  Nanso bere a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkae se, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yeguan fi Babiloniafo ne Aramfo asraafo anim.’ Ɛno nti yɛaka Yerusalem.”
20058  JER 42:14  na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’
20130  JER 46:16  Wobehintihintiw atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn, na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’
20148  JER 47:6  ‘Aa, Awurade afoa,’ ‘da bɛn na wobɛhome? San kɔhyɛ wo boha mu; gyae na da komm.’
20151  JER 48:2  Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw; ‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu; afoa no bɛtaa mo.
20343  JER 51:62  Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’
20863  EZK 16:32  ‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu!
20866  EZK 16:35  ‘Enti, wo oguamanfo, tie Awurade asɛm!
21200  EZK 27:10  ‘Persia, Lidia ne Put mmarima somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu. Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw sensɛn wʼafasu ho, de hyɛɛ wo anuonyam.
21203  EZK 27:13  ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
21213  EZK 27:23  ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
21921  DAN 4:12  Nanso gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. “‘Afei, ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram.
23406  MAT 7:21  “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.
23407  MAT 7:22  Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’
23635  MAT 13:27  “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’
23874  MAT 20:13  “Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana?
23925  MAT 21:30  “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
23953  MAT 22:12  Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.
24088  MAT 25:11  “Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’
24098  MAT 25:21  “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’
24100  MAT 25:23  “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’
24101  MAT 25:24  “Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ;
24114  MAT 25:37  “Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee?
24121  MAT 25:44  “Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’
24338  MRK 2:9  Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’
24771  MRK 12:29  Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;
25155  LUK 4:23  Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’
25612  LUK 13:25  Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’
25632  LUK 14:10  Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’
25669  LUK 15:12  Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.
25678  LUK 15:21  “Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
25686  LUK 15:29  Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.
25716  LUK 16:27  “Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi,
25768  LUK 18:11  Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi.
25770  LUK 18:13  “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’
25817  LUK 19:17  “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
26676  JHN 12:27  Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane.
27087  ACT 3:22  Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.
27227  ACT 7:42  Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se, “‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?
27359  ACT 10:31  Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.
27791  ACT 22:19  “Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn.
27947  ACT 27:24  bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’