Wildebeest analysis examples for:   twi-twi   “Word,”    February 11, 2023 at 19:48    Script wb_pprint_html.py   by Ulf Hermjakob

5  GEN 1:5  Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.
931  GEN 32:3  Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.
4028  NUM 11:3  Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
4100  NUM 13:24  Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ.
6462  JOS 22:34  Na Rubenfo ne Gadfo too afɔremuka no din sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Nyankopɔn.
6877  JDG 12:6  wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.
18835  ISA 56:12  “Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa! Momma yɛnnom bobesa mmow! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”
30869  REV 6:8  Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.