8 | GEN 1:8 | Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien. |
11 | GEN 1:11 | Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. |
27 | GEN 1:27 | Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. |
40 | GEN 2:9 | Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini. |
41 | GEN 2:10 | Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan. |
47 | GEN 2:16 | Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se, “Wowɔ ho kwan sɛ wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; |
49 | GEN 2:18 | Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.” |
50 | GEN 2:19 | Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no. |
64 | GEN 3:8 | Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn. |
72 | GEN 3:16 | Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.” |
75 | GEN 3:19 | Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” |
130 | GEN 5:24 | Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe. |
141 | GEN 6:3 | Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.” |
145 | GEN 6:7 | Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.” |
154 | GEN 6:16 | Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro. |
155 | GEN 6:17 | Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu. |
156 | GEN 6:18 | Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. |
247 | GEN 10:12 | Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu. |
297 | GEN 11:30 | Na Sarai yɛ obonin; na onni ba. |
383 | GEN 16:1 | Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; |
384 | GEN 16:2 | enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. |
387 | GEN 16:5 | Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.” |
394 | GEN 16:12 | Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.” |
457 | GEN 18:32 | Abraham kɔɔ so bisae se, “Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.” |
473 | GEN 19:15 | Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.” |
475 | GEN 19:17 | Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!” |
479 | GEN 19:21 | Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no. |
502 | GEN 20:6 | Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. |
524 | GEN 21:10 | Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.” |
628 | GEN 24:36 | Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no. |
685 | GEN 25:26 | Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia. |
694 | GEN 26:1 | Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. |
753 | GEN 27:25 | Afei, Isak kae se, “Me ba, fa wʼaduan no brɛ me na minni, na midi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduan no brɛɛ nʼagya Isak, na odii; ɔsan de nsa brɛɛ no maa ɔnomee. |
866 | GEN 30:35 | Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima. |
880 | GEN 31:6 | Munim sɛ mayi me yam de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma ama mo agya; |
898 | GEN 31:24 | Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.” |
913 | GEN 31:39 | Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atetew ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kum wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wowia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma mitua ka. |
914 | GEN 31:40 | Eyi ne tebea a na mewɔ mu: Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me ne anadwo maa awɔw dee me; nam so maa nna yera fii mʼaniwa mu. |
961 | GEN 32:33 | Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no. |
963 | GEN 33:2 | Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi. |
1041 | GEN 35:29 | Isak wu ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanyimfo ho; na wabɔ akwakoraa posoposo. Ne mmabarima Esau ne Yakob na wosiee no. |
1087 | GEN 37:3 | Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. |
1187 | GEN 40:14 | Na sɛ esi wo yiye a, kae me na yɛ me adɔe; ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wommeyi me mfi afiase ha. |
1215 | GEN 41:19 | Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da. |
1222 | GEN 41:26 | Anantwi ason a wɔadodɔ srade no ne ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no ase kyerɛ mfe ason; ɛyɛ dae koro. |
1274 | GEN 42:21 | Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.” |
1289 | GEN 42:36 | Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.” |
1335 | GEN 44:10 | Ɔsomfo no buae se, “Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.” |
1476 | GEN 49:2 | “Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie; muntie mo agya Israel. |
1491 | GEN 49:17 | Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi. |
1498 | GEN 49:24 | Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no; |
1499 | GEN 49:25 | esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no; Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo; nhyira a efi asase ase pɛɛ; nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no. |
1501 | GEN 49:27 | “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we, na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.” |
1502 | GEN 49:28 | Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no. |
1535 | EXO 1:2 | Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda; |
1536 | EXO 1:3 | Isakar, Sebulon ne Benyamin; |
1537 | EXO 1:4 | Dan, Naftali; Gad ne Aser. |
1588 | EXO 3:8 | Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so. |
1608 | EXO 4:6 | Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma. |
1617 | EXO 4:15 | Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. |
1625 | EXO 4:23 | na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ” |
1657 | EXO 6:1 | Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.” |
1705 | EXO 7:19 | Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne pema no nkyerɛ nsu a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔnten, wɔn nsuwa, wɔn atare ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ ne nsu a ɛwɔ afi mu nyinaa so na ɛbɛdan mogya.” |
1742 | EXO 8:27 | na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo. |
1793 | EXO 10:15 | Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no. |
1802 | EXO 10:24 | Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.” |
1804 | EXO 10:26 | Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.” |
1831 | EXO 12:14 | “Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama Awurade. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. |
1837 | EXO 12:20 | Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.” |
1843 | EXO 12:26 | Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a, |
1865 | EXO 12:48 | “Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no. |
1870 | EXO 13:2 | “Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.” |
1871 | EXO 13:3 | Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa. |
1904 | EXO 14:14 | Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!” |
1922 | EXO 15:1 | Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ wadi nkonim anuonyam mu; Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no agu po mu. |
1924 | EXO 15:3 | Awurade yɛ ɔkofo; ne din ne Awurade. |
1927 | EXO 15:6 | Wo nsa nifa, Awurade, tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; wo nsa nifa, Awurade, atetew atamfo mu pasaa. |
1932 | EXO 15:11 | Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo? Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, Ɔnwonwani Nyankopɔn. |
1940 | EXO 15:19 | Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so. |
1944 | EXO 15:23 | Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen. |
1955 | EXO 16:7 | Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn? |
1977 | EXO 16:29 | Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.” |
2039 | EXO 19:12 | Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. |
2062 | EXO 20:10 | na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. |
2063 | EXO 20:11 | Efisɛ Awurade de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome. |
2088 | EXO 21:10 | Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsan ware foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew nʼaduan ne ntama a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. |
2102 | EXO 21:24 | Sɛ ɔpemfo no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne de bi. Nsa nsi nsa anan, nan nsi nan anan, |
2107 | EXO 21:29 | gye sɛ wɔate sɛ mmere bi a atwa mu no, nantwi no sisii nnipa ma wɔbɔɔ ne wura no amanneɛ a wanka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ okum obi a, wonsiw nantwi no abo na ne wura no nso, wonkum no. |
2114 | EXO 21:36 | Na sɛ aboa no taa sisi na ne wura no abu nʼani agu so de a, ɛno de, sikakyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwi wɔ hɔ no betua nantwi a wawu no ho ka nyinaa na wafa no. |
2136 | EXO 22:21 | “Munnsisi akunafo anaa ayisaa; |
2141 | EXO 22:26 | Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo. |
2154 | EXO 23:9 | “Monnhyɛ ɔnanani so; mo ankasa munim sɛnea ɔnananiyɛ te, efisɛ na moyɛ ananafo wɔ Misraim. |
2156 | EXO 23:11 | nanso afe a ɛto so ason so de, momma asase no nna hɔ kwa mma ahiafo ntwa nnɔbae biara a ebenyin wɔ so no; nkae no, munnyaw mma mmoa nwe. Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne wo ngonnua turo nso. |
2158 | EXO 23:13 | “Munni asɛm biara a maka no so. Monnkankye mmɔ onyame foforo biara din; momma wɔnnte bi mmfi mo ano.” |
2166 | EXO 23:21 | Momfa nidi mma no na munni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, efisɛ ɔremfa mo amumɔyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ me nsiananmu, na me din na ɛda ne so. |
2178 | EXO 23:33 | Mommma wɔmmɛtena mo mu, anyɛ saa a wɔbɛma mo ayɛ bɔne atia me; esiane sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn abosonsom no som bɛyɛ afiri a ebeyi mo.” |
2180 | EXO 24:2 | Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.” |
2200 | EXO 25:4 | ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi, abirekyi ho nwi, |
2245 | EXO 26:9 | Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano. |
2255 | EXO 26:19 | Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase. |