885 | GEN 31:11 | Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!’ Na migyee so se, ‘Me ni!’ |
1377 | GEN 45:18 | na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’ |
1649 | EXO 5:16 | Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.” |
3098 | LEV 13:45 | “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’ |
3147 | LEV 14:35 | ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!’ |
3425 | LEV 23:22 | “ ‘Sɛ mutwa mo mfuw mu nnɔbae a, munntwa ntu nnɔbae no ase, na nea aporow agu fam no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne ahɔho a wɔte mo mu a wonni asase bi a wodidi so no. Mene Awurade mo Nyankopɔn!’ ” |
4038 | NUM 11:13 | Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’ |
4440 | NUM 23:23 | Nnome biara mmaa Yakob so ɛ, mmusu biara nni Israel so. Afei, wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’ |
4922 | DEU 1:28 | Yɛrekɔ he? Yɛn akwansrafo no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka se nnipa yɛ atenten ahoɔdenfo sen yɛn. Wɔn nkurow yɛ akɛse a afasu a wɔatoto afa ho no kɔ sorosoro. Na mpo, yehuu Anakfo wɔ hɔ!’ ” |
5839 | DEU 33:27 | Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea; nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no. Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim; ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’ |
6453 | JOS 22:25 | Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfo ne ne nkurɔfo ntam hye. Munni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti mo asefo bɛma yɛn asefo agyae Awurade som. |
6637 | JDG 5:12 | ‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’ |
6764 | JDG 9:8 | Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’ |
6766 | JDG 9:10 | “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’ |
6785 | JDG 9:29 | Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’ ” |
7271 | 1SA 2:29 | Adɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne mʼaduan afɔre so? Adɛn nti na mubu mo mmabarima sen me? Moawe afɔrebɔde a me nkurɔfo Israelfo bɔ no mu kyɛfa a eye no, na monam so ayeyɛ akɛse!’ |
8745 | 1KI 1:25 | Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ |
8754 | 1KI 1:34 | Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn torobɛnto, na monteɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ |
8767 | 1KI 1:47 | Adehye mpanyimfo nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no mo, kae se, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahenni nhyeta nkyɛn wo de no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛse nsen wo de no!’ Na ɔhene sii ne ti ase yii Awurade ayɛ, bere a na ɔda ne mpa mu, |
9178 | 1KI 12:24 | ‘Sɛnea Awurade se ni, Mo ne mo nuanom Israelfo nntwa mo ho nko. Monsan nkɔ mo akyi, na nea asi no nyinaa fi me!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, san kɔɔ wɔn fi sɛnea Awurade hyɛe no. |
9189 | 1KI 13:2 | Na ɔde Awurade nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea Awurade se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’ ” |
9358 | 1KI 18:14 | Na afei, woka kyerɛ me se menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha!’ Obekum me!” |
9473 | 1KI 21:19 | Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ ” |
9476 | 1KI 21:22 | Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’ |
10060 | 2KI 18:32 | Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘Awurade begye yɛn!’ |
10679 | 1CH 11:2 | Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ” |
10892 | 1CH 17:24 | Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim. |
11423 | 2CH 11:4 | Sɛnea Awurade se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam. |
11567 | 2CH 18:20 | kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, ‘Metumi ayɛ!’ ” Awurade bisae se, “ ‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’ ” |
12413 | NEH 6:7 | na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.” |
12806 | EST 6:9 | Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ ” |
12911 | JOB 3:3 | “Ma da a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’ |
13422 | JOB 22:29 | Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a, obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa. |
17336 | PRO 30:15 | “Amemem wɔ mmabea baanu a wɔteɛ mu se, ‘Fa ma! Fa ma!’ “Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da anan na ɛnka da se, ‘Eye!’ |
18114 | ISA 21:9 | Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfo no kae se, ‘Babilon ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ” |
18447 | ISA 37:25 | Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so de ne nsu pa no adwudwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu sɛnea mʼakofo betumi atwa!’ |
18548 | ISA 41:27 | Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba. |
18581 | ISA 43:6 | Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra na me mmabea mfi asase ano mmra, |
18691 | ISA 48:7 | Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. Enti morentumi nka se, ‘Yiw na minim dedaw!’ |
18715 | ISA 49:9 | wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wobedidi wɔ akwan ho wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so. |
18971 | ISA 65:5 | wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me, efisɛ me ho tew dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa. |
18996 | ISA 66:5 | Muntie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarima a wɔtan mo, na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se, ‘Momma wɔnhyɛ Awurade anuonyam, na yɛahu mo anigye!’ Nanso wɔn anim begu ase. |
19054 | JER 2:20 | “Tete mmere no, wububuu wo konnua mu, na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokae se, ‘Merensom wo!’ Ampa, wɔ koko biara so ne dua biara a adennan ase na wotena bɔɔ aguaman. |
19061 | JER 2:27 | Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se, ‘Bra begye yɛn!’ |
19101 | JER 4:5 | “Bɔ nkae wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem se ‘Hyɛn torobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’ Teɛ mu dennen se: ‘Mommoaboa mo ho ano! Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu!’ |
19175 | JER 6:17 | Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se, ‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’ Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’ |
19541 | JER 22:18 | Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no: ‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’ Wɔrensu no: ‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’ |
19578 | JER 23:25 | “Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’ |
20083 | JER 44:4 | Mesomaa mʼasomfo adiyifo mpɛn pii a wɔkae se, ‘Monnyɛ saa atantanne a mikyi no!’ |
20166 | JER 48:17 | Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a munim ne din nyinaa; monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’ |
20225 | JER 49:29 | Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguankuw; wɔbɛfa wɔn nkataso, ne wɔn ho nneɛma ne yoma akɔ. Nnipa bɛteɛteɛ mu se, ‘Ehu wɔ baabiara!’ |
20598 | EZK 3:27 | Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mebue wʼano ama woaka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea Otumfo Awurade se ni!’ Nea obetie no ma no ntie, na nea ɔmpɛ sɛ otie no mma no ntie; na wɔyɛ atuatewfo. |
20685 | EZK 8:12 | Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’ ” |
20950 | EZK 18:32 | Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’ |
22007 | DAN 7:5 | “Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’ |
22217 | HOS 4:15 | “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na mforo nkɔ Bet-Awen. Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’ |
22265 | HOS 8:2 | Afei Israel su frɛ me se, ‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’ |
22836 | HAB 2:19 | Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’ Ebetumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ɔhome nni mu.” |
22896 | ZEP 3:7 | Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, ‘ampa ara wubesuro me na woagye nteɛso ato mu!’ Na afei ne tenabea rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma no so. Nanso wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu. |
22998 | ZEC 4:7 | “Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ” |
23102 | ZEC 11:5 | Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. |
23163 | MAL 1:5 | Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’ |
23171 | MAL 1:13 | Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa. |
23264 | MAT 3:3 | Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se, “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so se, ‘Mommɔ kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ!’ ” |
23408 | MAT 7:23 | Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’ |
23493 | MAT 10:7 | Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’ |
23498 | MAT 10:12 | Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’ |
23635 | MAT 13:27 | “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’ |
23636 | MAT 13:28 | “Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’ “Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’ |
23637 | MAT 13:29 | “Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no. |
23789 | MAT 17:20 | Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa abaa esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri. |
23933 | MAT 21:38 | “Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’ |
23945 | MAT 22:4 | “Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’ |
23969 | MAT 22:28 | Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ ” |
24083 | MAT 25:6 | “Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’ |
24088 | MAT 25:11 | “Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’ |
24089 | MAT 25:12 | “Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’ |
24098 | MAT 25:21 | “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’ |
24100 | MAT 25:23 | “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’ |
24102 | MAT 25:25 | enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’ |
24117 | MAT 25:40 | “Na Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’ |
24184 | MAT 26:61 | se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ” |
24676 | MRK 10:19 | Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ” |
24749 | MRK 12:7 | “Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’ |
24881 | MRK 14:58 | “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” |
24949 | MRK 16:7 | Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ” |
25298 | LUK 7:34 | Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’ |
25437 | LUK 10:5 | “Sɛ mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, ‘Asomdwoe nka mo!’ |
25459 | LUK 10:27 | Obuaa no se, “Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ” |
25583 | LUK 12:55 | Saa ara nso na sɛ muhu sɛ mframa bɔ fi anafo reba a, moka se, ‘Ahuhuru bɛba!’ Na ɛba mu ampa. |
25614 | LUK 13:27 | “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’ |
25622 | LUK 13:35 | Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’ ” |
25669 | LUK 15:12 | Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no. |
25696 | LUK 16:7 | “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’ “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’ |
25741 | LUK 17:21 | obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.” |
25762 | LUK 18:5 | nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ” |
25770 | LUK 18:13 | “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’ |
25777 | LUK 18:20 | Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ” |
25825 | LUK 19:25 | “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’ |
25827 | LUK 19:27 | Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’ ” |